Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 74:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuo rehye w’adidibea nnwan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuo rehye w’adidibea nnwan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ao, Onyankopɔn, adɛn nti na woapo yɛn koraa yi? Adɛn nti na wʼabufuw hyew wʼadidibea nguan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi? Adɛn enti na wʼabofuo hye wʼadidibea nnwan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuw rehyew w’adidibea nguan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 74:1
30 Iomraidhean Croise  

na mɛpo m’agyapadeɛ nkaeɛ no, na mede wɔn ahyɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔayɛ fonam ne fomfa adeɛ ama wɔn atamfoɔ nyinaa,


AWURADE, adɛn nti na wogyina akyirikyiri, na wode wo ho hunta ahokyere berɛ mu?


Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.


Wisie tu firii ne hwenem, na ogya a ɛhye adeɛ firii n’anomu, nnyansramma dɛre firii ne mu.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Mɛbisa me Nyankopɔn ne me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afiri me? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?


Nanso woato yɛn agu, na woabɔ yɛn ahohora, na wo ne yɛn dɔm ankɔ.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE rekasa, na ɔfrɛ asase firi owia apueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ.


Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afu; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.


Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woasum yɛn aguo yi, na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?


AWURADE bɛto atwene daa, na ɔrennom bi bio anaa?


N’adɔeɛ awie mutwa koraa anaa? N’asɛm a ɔkaeɛ no asa ama awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anaa?


Me man, monyɛ aso mma me nkyerɛkyerɛ, monwɛn mo aso mma m’anomu nsɛm.


Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nnwan no, yɛbɛda wo ase daa, yɛbɛka w’ayeyie akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.


Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wo bo bɛfu daa, na wo ninkuntwe adɛre sɛ ogya?


Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔdii, na wode nisuo maa wɔnomee.


Worensane mma yɛn nkwa, na wo man ani nnye wo ho?


Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ ne ne nsam nnwan. Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!


Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, adɛn nti na wo bo huru tia ɔman a wode ahoɔden kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den kɔyii wɔn Misraim asase so baeɛ no?


Na afei, O AWURADE, yɛn Agya ne wo. Yɛn deɛ, dɔteɛ ne yɛn, na wone yɛn nwomfoɔ, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.


Nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe me nnwankuo bɔ wɔn pete no nnue! AWURADE asɛm nie.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ wɔtumi susu soro atifi, na wɔtumi bɔre asase nnyinasoɔ hunu wɔ fam a, ɛno ansa na me nso mɛpo Israel asefoɔ nyinaa, deɛ wɔayɛ no nyinaa nti, AWURADE asɛm nie.


Anaasɛ poɔ na woapo yɛn koraa, wo bo afu yɛn mmoroso?


Na mone me nnwan, me yɛmmea nnwan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ me nnwan adane fomfa adeɛ, na me nnwan adane wiram mmoa nyinaa aduane, ɛnam sɛ wɔnni hwɛfoɔ nti, na me nnwanhwɛfoɔ mmisaa me nnwan akyiri kwan, na mmom nnwanhwɛfoɔ no yɛne wɔn ho, na me nnwan no deɛ, wɔanhwɛ wɔn nti,


Kuo ketewa, monnsuro! Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.


AWURADE rempene mfa nkyɛ no, na ɛno de AWURADE abufuo ne ne ninkuntwe bɛpunu onipa ko no, na nseɛ a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa bɛduru no, na AWURADE bɛpepa ne din afiri asase so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan