Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 73:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Srade ama wɔn ani apupu, wɔn akoma mu adwene firi bu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Srade ama wɔn ani apupu, wɔn akoma mu adwene firi bu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn koma a apirim no mu na nnebɔne fi; na wɔn amumɔyɛ adwene nni awiei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn akoma a apirim no mu na nnebɔne firie; na wɔn amumuyɛ adwene nni mma ɔka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Srade ama wɔn ani apupuw, wɔn komam adwene fi bu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 73:7
12 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ: Dwetɛ no, wɔde ama wo, na ɔman no nso, yɛ wɔn sɛdeɛ wo pɛ.


ɛfiri sɛ wama ne sradeɛ akata n’anim, na wama ne mfe mu adɔre sradeɛ,


Wɔn akoma apirim sɛ sradeɛ, me deɛ, wo mmara ho na me ho sɛpɛ me.


Wɔapirim wɔn akoma a wɔnni mmɔborɔhunu biara, wɔde wɔn ano kasa ahantan kasa.


AWURADE, fa wo nsa bɛgye me firi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa yɛ wiase deɛ, fa deɛ wɔasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma; ma wɔn mma nya no mmorosoɔ, na wɔnnya bi mma wɔn mmotafowa.


Hwɛ, yeinom ne abɔnefoɔ, nanso wɔn ho dwo wɔn daa, wɔama wɔn adeɛ adɔɔso.


Wɔn nyiyimu di wɔn adanseɛ, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfoɔ, wɔnkata so. Wɔn kra nnue! Ɛfiri sɛ wɔde bɔne ayɛ wɔn ho.


Wɔadodɔre sradeɛ, wɔn ho srasra. Nso wɔdi nsɛmmɔne tra so, wɔmmu atɛntenenee, wɔnni nwisiaa asɛm, na ama wɔadi yie; na ahiafoɔ nso wɔmmu atɛn mma wɔn.


Hwɛ, yei ne wo nuabaa Sodom amumuyɛ no: Ahantan, adidimeeɛ ne yiedie dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmammaa tenaeɛ, na mmɔborɔni ne ohiani nsa deɛ, wansɔ mu;


Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛseɛ; ɔwɔ nnwan mpensa ne mmirekyie apem; na ɔretwitwa ne nnwan ho wɔ Karmel.


Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, wato ne ho pono ne fie hɔ sɛ ɔhene pono na Nabal ani agye ne ho, na waboro titaa. Na wanka no hwee kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan