Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 73:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ampa ara, Onyankopɔn yɛ ma Israel, ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ampa ara, Onyankopɔn yɛ ma Israel, ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ampa ara Onyankopɔn ye ma Israel, oye ma wɔn a wɔn koma mu tew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ampa ara Onyankopɔn yɛ ma Israel, ɔyɛ ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ampa ara, Onyankopɔn ye ma Israel, ma wɔn a wɔn komam tew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 73:1
24 Iomraidhean Croise  

Na Lewifoɔ no yii Yoel ba Heman ne ne nuanom mu Berekia ba Asaf ne wɔn nuanom Merari mma mu Kusaia ba Etan de wɔn gyinagyinaa hɔ.


Ɛnna ɔgyaa Asaf ne ne nuanom hɔ AWURADE apam adaka no anim, sɛ wɔnsom adaka no anim daa, sɛdeɛ ɛhia da biara;


Da no ara na Dawid maa wɔfaa Asaf ne ne nuanom so daa AWURADE ase kane.


ne ne nua Asaf a ɔgyina ne nifa soɔ, Asaf, Berekia ba, Simea ba,


Na Ɔhene Hesekia ne asafohene no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne Ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigyeɛ yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


Deɛ efi nni ne nsam na n’akomam teɛ, deɛ ɔmma ne kra ani nsa ahuhudeɛ, na ɔnka nkontompo ntam.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE rekasa, na ɔfrɛ asase firi owia apueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ.


Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.


Ampa ara, wode wɔn gyina deɛ ɛhɔ yɛ torɔ, wode wɔn hwe fam bubu wɔn pasaa.


Onyankopɔn, nyɛ komm, mmua w’ano, na nhome, Onyankopɔn.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu, O Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkɔsie?


Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.


Kuo ketewa, monnsuro! Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.


Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkaa wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokorɛ Israelni a nnaadaa nni ne mu nie!


Enti ɛfiri gyidie mu, sɛ ɛmfiri adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n’asefoɔ no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wɔfiri Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya, gyidie mu no nso bi,


ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.


Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfoɔ, na monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan