Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 72:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɔbɛbu ɔman mu amanehunufoɔ atɛn, na wagye ahiafoɔ mma nkwa, na wabubu nhyɛsofoɔ mu pasapasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɔbɛbu ɔman mu amanehunufoɔ atɛn, na wagye ahiafoɔ mma nkwa, na wabubu nhyɛsofoɔ mu pasapasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufo na wagye wɔn a wonni bi mma nkwa; ɔbɛdwerɛw nhyɛsofo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufoɔ na woagye wɔn a wɔnni bie mma nkwa; ɔbɛdwerɛ nhyɛsofoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Obedi ɔman mu amanehunufo asɛm ama wɔn, na wagye ahiafo mma nkwa, na wabubu nhyɛsofo mu pasapasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 72:4
23 Iomraidhean Croise  

Mobɛha me kra akɔsi da bɛn, na mode nsɛm abubu me pasaa?


Ɔbubu aberempɔn a ɔnhwehwɛ wɔn asɛm mu, na ɔde afoforɔ si wɔn ananmu.


sɛ ɔgyina ohiani nifa, na ɔregye no afiri wɔn a wɔbu ne kra atɛn nsam.


Wode dadeɛ poma bɛbubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.


Wo man deɛ, AWURADE, wɔrebɔ no pasaa, na wɔbrɛ w’agyapadeɛ ase.


Ɔhene nyansafoɔ hu abɔnefoɔ so, na ɔde teaseɛnam nan fa wɔn so.


na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu, na kanea mu asaawa a ɛrefiri wisie no, ɔrennum; nokorɛ mu na ɔbɛyi atemmuo adie.


Na wɔn adesoa dua ne wɔn akyiri abaa ne wɔn kafoɔpoma no, woabubu mu sɛ Midian da no.


Na wɔtuee no da no ara, na ekuo no mu nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ a wɔhwɛɛ me no hunuu sɛ AWURADE asɛm ne no.


Na meyɛnee okum nnwankuo no, nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma mmienu, mefrɛɛ baako sɛ: Adom, na mefrɛɛ baako sɛ: Nkyekyerebomu; na meyɛnee nnwankuo no.


Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Na ɛno mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔaku wɔn asase soɔ no nyinaa mogya.


ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan