Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 72:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri de sonkahiri bɛbrɛ no; Saba ne Seba ahemfo de ayɛyɛde bɛbrɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri de apeatoɔ bɛbrɛ no; Saba ne Seba ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Tarsis ne nsupɔw mu ahene bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahene bɛba abɛkyɛ ade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 72:10
19 Iomraidhean Croise  

Na Kus mma ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama mma ne Saba ne Dedan.


Na Seba hemmaa tee Salomo nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ,


Na ɔmaa ɔhene sikakɔkɔɔ dwetikɛseɛ ɔha aduonu ne nnuhwam bebree pa ara ne aboɔden aboɔ; nnuhwam bebree saa bi amma bio, sɛdeɛ Seba hemmaa de maa Ɔhene Salomo no.


na ɔne ɛdɔm kɛseɛ de yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika bebree pa ne aboɔden aboɔ baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ.


Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ ba mmaako mmaako, dwetɛ nnoɔma ne sika nnoɔma ne ntadeɛ ne nkuu hwanhwam ne nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, afe biara ne ne deɛ.


Na ɔhene wɔ ahyɛnkuo a ɛne Huram nkoa no kɔ Tarsis; mfeɛ mmiɛnsa biara Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba.


Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so.


Na Tiro babaa de ayɛyɛdeɛ ba, na ɔman mu adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.


W’asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem nti, ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo.


Ka mmɛwa mu aboa ne anantwininikuo ne anantwie mma a ɛyɛ aman no anim, na wɔde dwetɛ mpɔ abɛsom. Pansam aman a wɔpɛ akodie mu.


Monto dwom foforɔ mma AWURADE, momfiri asase ano nto n’ayeyie dwom; mo a mokɔ ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa aseɛ, nsuo ano aman ne wɔn a wɔtete soɔ.


N’asɛm ano rennwo, na ɔrempa aba de bɛkɔ akɔsi sɛ ɔde atemmuo tenenee bɛsi asase soɔ, na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara.


Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no. Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo, mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu.


mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafoɔ fam sɛ: Mfa nkora! Fa me mmabanin firi akyirikyiri bra, ne me mmammaa firi asase ano,


Saa na AWURADE, Israel Gyefoɔ, ne Kronkronni no ka kyerɛ deɛ wɔbu ne kra animtia, deɛ aman kyiri no, deɛ ɔyɛ nhyɛsofoɔ akoa no sɛ: Ahemfo bɛhunu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso, na wɔakoto asɔre, ɛsiane AWURADE a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel Kronkronni a wayi woɔ no nti.


Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho.


Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforɔ no. Wɔn nyinaa firi Seba reba, sika ne ohwamfufuo na wɔsoso, na wɔbɛka AWURADE ayeyie.


Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me, na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan, na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel Kronkronni no, ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam.


Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan