Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 71:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Mayɛ nnipa bebree ani so anwanwadeɛ, na wone me dwanekɔhyɛbea a ɛyɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Mayɛ nnipa bebree ani so anwanwadeɛ, na wone me dwanekɔhyɛbea a ɛyɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mayɛ nsɛnkyerɛnne ama bebree, nanso wo ne me guankɔbea dennen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree, nanso wo ne me dwanekɔbea denden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Mayɛ nnipa bebree ani so anwonwade, na wone me guankɔbea a ɛyɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 71:7
14 Iomraidhean Croise  

Na wo na woayɛ me dwanekɔhyɛbea, abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfoɔ anim.


Nyankopɔn nsam na me nkwagyeɛ ne m’animuonyam wɔ, me botan a ɛyɛ den, me dwanekɔhyɛbea ne Onyankopɔn.


Nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa. Monyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔhyɛbea.


Ampa ara, nnipa mma yɛ huhuo, mmarima mma yɛ atorɔdeɛ. Wɔgu nsaniam a, ɛhwan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ huhuo.


Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no.


O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban denden, me dwanekɔbea ahohiahia da mu, wo nkyɛn na amanaman bɛfiri asase anoano aba abɛka sɛ: Atorɔ nko ne yɛn agyanom awunnyadeɛ no, ahuhudeɛ a mfasoɔ nni mu.


Na AWURADE bɔfoɔ no dii Yosua adanseɛ sɛ:


Tie ɛ, Ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no, ɛfiri sɛ wɔyɛ anwanwafoɔ. Na hwɛ, mede m’akoa “Ban” mereba.


Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abɔfra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel nnipa bebree ahweaseɛ ne wɔn sɔreɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔbɛkasa atia no,


Na wɔhunuu Petro ne Yohane akokoɔduro, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwaa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔne Yesu nanteeɛ.


Na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn asomafoɔ adi akyire sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owuo, ɛfiri sɛ yɛayɛ ahwɛdeɛ ama wiase ne abɔfoɔ ne nnipa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan