Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 71:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na wo, AWURADE, ne m’anidasoɔ, deɛ mefiri me mmɔfraase mede me ho metoo ne soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na wo, AWURADE, ne m’anidasoɔ, deɛ mefiri me mmɔfraase mede me ho metoo ne soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na woayɛ mʼanidaso, Asafo Awurade, mʼahotoso fi me mmabun bere mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo Awurade, mʼahotɔsoɔ firi mʼababunu berɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na wo, AWURADE, ne m’anidaso, nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 71:5
21 Iomraidhean Croise  

Na sɛ me deɛ, mefiri wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a mennim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, ɔbɛkum me. Na me, w’akoa deɛ, mefiri me mmɔfraase mesuro AWURADE.


Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe so, a ɔda so yɛ abɔfra no, ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛtɔ so dummienu soɔ no, ɔfirii aseɛ tee Yuda ne Yerusalem ho firii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua ne ɔsene ahoni ne eguo ahoni no ho.


Mehwɛ wo nkwagyeɛ kwan, AWURADE, na madi wo mmara nsɛm so.


Me kra tɔ wo nkwagyeɛ ho piti, w’asɛm so na m’ani da.


Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so, m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,


Na afei, AWURADE, ɛdeɛn na meretwɛn? Wo so na m’ani da.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Onyankopɔn, wo na wofiri me mmɔfraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwanwadeɛ no mabɛduru sɛsɛɛ.


Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu;


O Israel anidasoɔ, wo a wogye wɔn ohia berɛ mu, ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔhoɔ, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?


AWURADE, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwuwu; wɔn a wɔsane firi m’akyire no, wɔbɛtwerɛ wɔn din, asase so, ɛfiri sɛ wɔagya nkwa asutire AWURADE.


Nyɛ me deɛ oyi me hu, me dwanekɔbea ne wo, ɛda bɔne mu.


Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE soɔ, na AWURADE yɛ n’anidasoɔ.


Wɔn a wɔto wɔn nyinaa tete wɔn mu, na wɔn ahohiahiafoɔ ka sɛ: Yɛnni fɔ! ɛsiane sɛ wɔayɛ AWURADE, tenenee tenabea ne wɔn agyanom anidasoɔ AWURADE no bɔne.


Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Nyankopɔn adom wɔ ne so.


Na anidasoɔ Nyankopɔn mfa gyidie mu anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidasoɔ mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.


na wofiri wo mmɔfraase nim atwerɛ kronkron no a ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie soɔ akɔ nkwagyeɛ mu.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan