Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 71:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na, Onyankopɔn, wo tenenee kɔ sorosoro, wo a woayɛ ade akɛseɛ, Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na, Onyankopɔn, wo tenenee kɔ sorosoro, wo a woayɛ ade akɛseɛ, Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Onyankopɔn, wo trenee du ɔsorosoro, wo a woayɛ nneɛma akɛse. Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro, wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ. Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na, Onyankopɔn, wo trenee kɔ ɔsorosoro, wo a woayɛ ade akɛse, Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 71:19
20 Iomraidhean Croise  

deɛ ɔyɛ ade kɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu, anwanwadeɛ nso a wɔntumi nkan.


Saa nimdeɛ yi yɛ me nwanwa dodo, ɛkɔ soro dodo, mentumi nnuru koraa.


Me nnompe nyinaa bɛka sɛ: AWURADE, hwan na ɔte sɛ wo a wogye ɔmanehunufoɔ deɛ ɔyɛ den sene no no nsam ne ɔmanehunufoɔ ne ohiani firi ne dwotwafoɔ no nsam.


Ao, Onyankopɔn, hwɛ sɛdeɛ w’adɔeɛ no si so fa! Na nnipa mma de wɔn ho kɔhyɛ wo ntaban nwunu ase.


na w’adɔeɛ so kɔduru soro, na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.


Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn a ɔno nko yɛ anwanwadeɛ,


Obiara nte sɛ wo, anyame mu, AWURADE, na biribiara nte sɛ wo nnwuma.


Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ, deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ.


Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefoɔ, na wakwati Asamando a ɛwɔ aseɛ no.


Nyansa korɔn papa ma ogyimifoɔ, ɔmmue n’ano kuro pono mu.


Na hwan ho na mode Onyankopɔn bɛtoɔ, na suban bɛn na mode bɛsusu no?


Na hwan ho na mode me bɛtoɔ na me ne no asɛ? Ɔkronkronni no na ɔseɛ.


na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu, na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu.


na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan, na m’adwene nso sene mo adwene.


Hwan na ɔrensuro woɔ, O amanaman Hene? Wo na ɛfata woɔ; amanaman anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.


ɛfiri sɛ Otumfoɔ no ayɛ adeɛ kɛseɛ ama me, na ne din ne kronkron,


AWURADE Nyankopɔn, wo na woafiri aseɛ de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase soɔ a ɔbɛtumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninneɛ yi bie?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan