Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 71:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Onyankopɔn, nkɔkoraaberɛ ne ɛdwono mu nso mpa me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Onyankopɔn, nkɔkoraaberɛ ne ɛdwono mu nso mpa me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Mpo sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen a, Onyankopɔn, nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a, Ao Onyankopɔn, nnya me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Onyankopɔn, nkwakorabere ne dwen mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 71:18
16 Iomraidhean Croise  

Na Isak bɔɔ akɔkoraa na n’ani so yɛɛ no kusukusu na ɔnhunu adeɛ yie no, ɔmaa wɔfrɛɛ ne ba panin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na ɔgyee so sɛ: Agya, menie.


Wɔbɛba abɛka ne tenenee akyerɛ ɔman a wɔbɛwo wɔn no, sɛ ɔno na wayɛ.


sɛ saa Nyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ de akɔsi owuo mu.


Nto me ntwene nkɔkoraaberɛ, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnya me.


yɛremfa nhunta wɔn mma, yɛreka nkyirimma AWURADE ayeyisɛm, ne ne tumidie, ne n’anwanwadeɛ a wayɛ no.


na nkyirimma, mma a wɔbɛwo wɔn no, ahunu, na wɔsi so a, wɔaka akyerɛ wɔn mma,


Na ɛda no, bɔ din kyerɛ wo ba sɛ: Deɛ AWURADE yɛɛ me berɛ a mefirii Misraim no ntira.


Na ɛkɔsi w’akwakorabɔ mu, mene me ara, na ɛkɔsi ɛdwonofuo mu mpo, mede wo bɛsi akɔnkɔn; me na mayɛ, na me na mɛsoa, me na mede wo bɛsi akɔnkɔn, na magye wo.


AWURADE basa, nyane ɛ, nyane ɛ! Hyɛ ahoɔden! Nyane sɛ akane nna no mu, teteete awoɔ ntoatoasoɔ mu. Ɛnyɛ wone deɛ ɔtwitwaa Rahab na ɔhwiree asuboa kɛseɛ no mu no?


Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na AWURADE basa no, hwan so na ada adie ama no ahunu?


Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;


Nso na Eli adi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe, na n’ani so ayɛ wisiwisi, na ɔnhunu adeɛ yie.


Na ɛbaa sɛ, ɔbɔɔ Nyankopɔn adaka no din no, Eli firi n’adwa so muni faa n’akyi hwee ɛpono kɛseɛ no ho, na ne kɔn mu bui, na ɔwui, ɛfiri sɛ na ɔyɛ akɔkoraa a ne mu yɛ duru. Na wabu Israel atɛn mfeɛ aduanan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan