Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 71:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Wo AWURADE na madwane mabɛtoa woɔ, m’anim rengu ase da biara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Wo AWURADE na madwane mabɛtoa woɔ, m’anim rengu ase da biara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade, wo mu na maguan ahintaw; mma mʼanim ngu ase da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ao Awurade, wo mu na me dwane hinta; mma mʼanim ngu ase da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Wo AWURADE na maguan matoa wo, m’anim rengu ase da biara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 71:1
11 Iomraidhean Croise  

AWURADE Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toeɛ, na n’akyiri no, obiara amma sɛ ɔno Yuda ahemfo nyinaa mu, na obiara anni n’anim saa.


na wɔnyaa mmoa faa wɔn so, na wɔde Hagarfoɔ ne wɔn a wɔka wɔn ho no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ wɔteaa mu frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na ɔtiee wɔn, ɛnam sɛ wɔn ani da ne soɔ nti.


Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE soɔ no te sɛ Sion bepɔ, ɛnhinhim, na ɛsi hɔ daa.


Nhyira ne deɛ Yakob Nyankopɔn ne ne boafoɔ, deɛ n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, soɔ.


Wo na wɔteaa mu frɛɛ woɔ, na wɔnyaa nkwagyeɛ, wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.


AWURADE de daa daa nkwagyeɛ gye Israel; mo ani renwu, na mo anim rengu ase bio da biara da.


Ma m’ataafoɔ ani nwuwu, na me deɛ, mma m’ani nnwu; wɔn deɛ, ma wɔn akoma ntu, na me deɛ, mma m’akoma nntu; fa da bɔne no bra wɔn so, fa obubuo mmɔho bubu wɔn.


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.


Ɛfiri sɛ ɛwɔ atwerɛ no mu sɛ: Hwɛ, mede tweaso tiboɔ a wɔayie no na ne boɔ yɛ den mato Sion, na deɛ ɔgye no die no ani renwu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan