Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 70:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi na wɔnnane ahohorafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi na wɔnnane ahohorafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaa mfa animguase nsan wɔn akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsan wɔn akyi na wɔnnan ahohorafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 70:2
13 Iomraidhean Croise  

Me ho asɛmpɛfoɔ bɛhyɛ aniwuo, na wɔafira wɔn ahohora sɛ ntoma.


AWURADE, mesu mefrɛ wo, yɛ ntɛm ma me; sɛ mesu mefrɛ wo a, yɛ aso ma me.


Anantwinini bebree atwa me ho ahyia, Basan anantwie akɛseɛ abɔ me ho kɔntɔnkrɔn.


Hwim me kra firi nkrantɛ ano, m’ade koro no firi akraman nsam.


Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa, ma wɔn ani nwu na wɔn anim ngu ase. Wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no, ma aniwuo ne ahohora nsi wɔn aduradeɛ!


Ma wɔn a wɔhwehwɛ me wuo no anim ngu ase na wɔn ani nwu, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne no mfa ahohora nsane wɔn akyi!


Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra asɛe no no ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi, na wɔnnane ahohorafoɔ.


M’atamfoɔ nyinaa ani bɛwu, na wɔn ho adwiri wɔn sɛ, na wɔapatu de fɛreɛ asane.


Onyankopɔn, mma me ne wo ntam nnware, me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.


Me kra ho asɛmpɛfoɔ ani bɛwu na wɔayera, ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a wɔpɛ me bɔne so.


Enti AWURADE asɛm bɛdane wɔn mmara atia mmara, mmara atia mmara, ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ, ɛha kakra, ɛhɔ kakra, na wɔahwe ase, na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ fidie mu, na wɔakyekye wɔn.


Hwɛ, wɔn a wɔn bo afu woɔ nyinaa ani bɛwu na wɔasopa, na nnipa a wɔne wo anya no bɛyɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, na wɔayera.


Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Meni! no, wɔpimpinii akyire, na wɔhwehwee ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan