Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 69:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na wo fie no ho dɔ ahyɛ me ma mmoroso, na wɔn a wɔbɔ wo ahohora ahohorabɔ aba me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wo fie no ho dɔ ahyɛ me ma mmoroso, na wɔn a wɔbɔ wo ahohora ahohorabɔ aba me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 na wo fi ho mmɔdemmɔ hyɛ me so, wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiaabu bɛda me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 na wo fie ho mmɔdemmɔ hyɛ me so, wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiabuo abɛda me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wo fi ho mmɔdemmɔ amene me, na wɔn a wɔbɔ wo ahohora ahohorabɔ aba me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 69:9
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam; w’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me.


Nanso me Nyankopɔn fie ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akoradeɛ a ɛwɔ me hɔ no, mede mama me Nyankopɔn fie no apae deɛ masiesie asie kronkronbea fie no nyinaa so.


Wayi me nuanom afiri me ho kɔ akyirikyiri, na wɔn a wɔni me adanedane me ahɔhoɔ koraa;


Me mmɔdemmɔ redɛre me mu sɛ ogya, ɛfiri sɛ m’ahohiahiafoɔ werɛ afiri wo nsɛm.


Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me mfidie, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛeɛ ho asɛm, na wɔdwene nnaadaasɛm da mu nyinaa.


Wɔn a wɔtwam ɔkwan no soɔ nyinaa fom no fa, wayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete ne ho.


Na Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔn a wɔbɔɔ wo ahohora no ahohora agu me so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan