Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 69:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Ma amumuyɛ mmɔ wɔn amumuyɛ so, na mma wɔmmma wo tenenee mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 Ma amumuyɛ mmɔ wɔn amumuyɛ so, na mma wɔmmma wo tenenee mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Fa amumɔyɛ mu amumɔyɛ ho sobo bɔ wɔn; mma wonnya wo nkwagye mu kyɛfa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Fa amumuyɛ mu amumuyɛ ho soboɔ bɔ wɔn; mma wɔnnya wo nkwagyeɛ mu kyɛfa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Ma amumɔyɛ mmɔ wɔn amumɔyɛ so, na mma wɔmmma wo trenee mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 69:27
23 Iomraidhean Croise  

na nkata wɔn amumuyɛ so, na wɔn bɔne nso, mma wɔmmpepa no w’anim, na wɔafu wo bo abantofoɔ no anim.


Adɛn nti na moti me sɛ Onyankopɔn, na me nam nso mmee mo?


Wɔnkae n’agyanom amumuyɛ AWURADE anim, na ne na bɔne nso, wɔmmpepa.


Ɔno na ɔbɛnya AWURADE nsam nhyira na ne nkwagyeɛ Nyankopɔn bɛbu no bem.


Na megyaa wɔn wɔn akoma denyɛ mu, maa wɔnantee wɔn ara tirim agyina a wɔtuiɛ mu.


Na Farao hunuu sɛ wanya ahotɔ no, ɔpirim n’akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na Farao pirim n’akoma saa berɛ yi nso, na wamma ɔman no ankɔ.


Na AWURADE pirim Farao akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no.


Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ a, ɔnsua tenenee; nsɛntenenee asase so na ɔdi amumuyɛsɛm, na ɔnhunu AWURADE kɛseyɛ.


mɛma no atɔ mpan, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu, na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osuo sɛ ɛnntɔ nngu so.


Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno na wafa, na yɛn ayayadeɛ nso, wasoa; na yɛn deɛ, yɛbuu no sɛ deɛ wɔahwe no, deɛ Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amaneɛ mu.


Na mo mu wɔn a wɔbɛka no ho bɛhiahia wɔn wɔ wɔn amumuyɛ mu, mo atamfoɔ asase so, na wɔn agyanom amumuyɛ nso nti wɔn ho bɛhiahia wɔn sɛ wɔn agyanom no ara.


Na ɔhunuu borɔdɔma bi kwan so no, ɔkɔɔ ho, na wanhunu hwee wɔ so sɛ ahahan nko ara. Na ɔsee no sɛ: Worenso aba bio ara da! Na amonom hɔ ara na borɔdɔma no poeɛ.


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


Ɛnneɛ na deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔborɔ, na deɛ ɔpɛ na ɔma n’akoma yɛ den.


na Israel a wɔtii tenenee mmara no deɛ, wɔanto tenenee mmara no.


Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan