Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 69:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Wɔde bɔnwoma yɛɛ m’aduane, na me sukɔm mu wɔmaa me nsa kekakeka sɛ mennom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Wɔde bɔnwoma yɛɛ m’aduane, na me sukɔm mu wɔmaa me nsa kekakeka sɛ mennom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Wɔde bɔnwoma guu mʼaduan mu, osukɔm dee me no, wɔmaa me nsa nwenweenwen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Wɔde bɔnwoma guu mʼaduane mu, osukɔm dee me no, wɔmaa me nsã nwononwono.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Wɔde bɔnwoma yɛɛ m’aduan, na me sukɔm mu wɔmaa me nsa nyinyanyinya sɛ mennom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 69:21
13 Iomraidhean Croise  

Na mesane mehwɛɛ nhyɛsoɔ a wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ no nisuo, na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara, na nhyɛsofoɔ nsam den no mu no, wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ bi!


Enti sɛ asafo AWURADE ka no adiyifoɔ no ho nie: Hwɛ, merema wɔn bɔnwono adi, na mama wɔn ɛborɔ nsuo anom, ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ mu abɔnefosɛm afiri kɔ asase no nyinaa so.


Yɛda so tete hɔ reyɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛne nkuro a ɛyɛ den mu, na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owuo, na wama yɛn nsuo a borɔ wɔ mu anom, ɛfiri sɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.


Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Hwɛ, mede ɔnwono bɛma ɔman yi adi, na mede nsuo a ɛborɔ wɔ mu ama wɔanom.


Esu ara na ɔsu anadwo, na nisuo sensane n’afono ho. Ɔnnya n’adɔfo nyinaa mu ɔwerɛkyekyefoɔ biara; ne mfɛfoɔ nyinaa atwitwa no nkontompo, wɔadanedane n’atamfoɔ.


Ne ho figuo akeka n’atadeɛ mmuano mu; wankae n’awieeɛ, enti na wabrɛ ase ama no ayɛ nwanwa; ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara. O AWURADE, hwɛ m’amaneɛ, ɛfiri sɛ, ɔtamfoɔ adi nkonim!


wɔmaa no nsa kekakeka a wɔde bɔnwono afra mu sɛ ɔnnom; na ɔkaa n’ano no, wampɛ sɛ ɔnom.


Na ntɛm ara, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ de bɔɔ nsa kekakeka bi mu, na ɔde tuaa demmire ano de maa no nomee.


Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhwam afra mu, nanso wannom.


Na ɔbaako tuu mmirika de sapɔ kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na ɔkaa sɛ: Monnyae mma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa?


Na asraafoɔ no nso goroo ne ho, na wɔbaa ne nkyɛn bɛmaa no nsa kekakeka,


na monhwɛ yie, na ɔbarima bi anaa ɔbaa bi anaa abusua bi anaa abusuakuo bi antena mo mu a wɔn akoma redane nnɛ afiri AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na nhini bi antena mo mu a ɛso ɛborɔ ne ɔnwono;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan