Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 69:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Ahohora apɛkyɛ m’akoma, na abɔ me yadeɛ, na mehwɛ deɛ ɔrebɛma me due kwan a, obi mma, mehwehwɛ awerɛkyekyefoɔ a, menhunu bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Ahohora apɛkyɛ m’akoma, na abɔ me yadeɛ, na mehwɛ deɛ ɔrebɛma me due kwan a, obi mma, mehwehwɛ awerɛkyekyefoɔ a, menhunu bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Kasatia ahyɛ me koma so ama mayɛ sɛ obi a onni ɔboafo; mepɛɛ awerɛkyekye, nanso mannya bi, mepɛɛ ɔwerɛkyekyefo, nanso manhu bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Kasatia ahyɛ mʼakoma so ama mayɛ sɛ obi a ɔnni ɔboafoɔ; mepɛɛ awerɛkyekyerɛ nanso mannya bi, mepɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ, nanso manhunu bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Ahohora apɛtɛw me koma, na abɔ me yare, na mehwɛ nea ɔrebɛma me due kwan a, obi mma, mehwehwɛ awerɛkyekyefo a, minhu bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 69:20
15 Iomraidhean Croise  

Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree; mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ.


Taamudifoɔ fɛdie ne ahantanfoɔ aniwuhyɛ afono yɛn kra dodo.


Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho, dwanekɔbea abɔ me, obiara mfa me kra nyɛ huu.


Ahohora a m’ahohiahiafoɔ bɔ me no yɛ me sɛ me nnompe redwerɛ, sɛ daa wɔbisa me sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he?


ne me Nyankopɔn. Me kra aboto wɔ me mu, enti mekae wo, Yordan ne Hermon mmepɔ asase so, Misar bepɔ so.


Na mehwɛe, nso na ɔboafoɔ biara nni hɔ; na ɛyɛɛ me nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔsɔ mu abia; enti me ankasa me basa gyee me, na m’abufuhyeɛ nso sɔɔ me mu abia.


Na yei nyinaa aba, na deɛ adiyifoɔ no kaa no twerɛ nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.


Na ɔba bɛhunuu wɔn sɛ wɔada, na ɔsee Petro sɛ: Simon, woada? Woantumi anwɛn dɔnhwereɛ baako mpo?


Na asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwanee.


Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.


Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkuro mu, na moagya me nko; nanso ɛnkaa me nko, ɛfiri sɛ Agya no ka me ho.


Na afoforɔ hunuu animguasedeɛ ne ɔhweɛ, mpokyerɛ ne afiase nna nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan