Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 69:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Yi me firi atɛkyɛ mu, na mammem, ma wɔnyi me mfiri wɔn a wɔkyiri me nsam ne abunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Yi me firi atɛkyɛ mu, na mammem, ma wɔnyi me mfiri wɔn a wɔkyiri me nsam ne abunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Yi me fi dontori no mu, mma memmem wɔ mu; gye me fi wɔn a wɔtan me no nsam, ne nsu bun mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Yi me firi atɛkyɛ no mu, mma memmem wɔ mu; gye me firi wɔn a wɔtane me no nsam, ne nsu bunu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Yi me fi atɛkyɛ mu, na mammem, ma wonyi me mfi wɔn a wokyi me nsam ne abun mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 69:14
20 Iomraidhean Croise  

Na wo, O Onyankopɔn ne m’AWURADE, wo din nti di ma me, na w’adɔeɛ no yɛ, yi me!


na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia, na wɔne me di ako kwa.


Tene wo nsa firi soro nohoa, hwam me, na yi me firi nsuo akɛseɛ mu, firi ananafoɔ mma nsam.


Mma m’atamfoɔ atorofoɔ no ani nnnye me ho, mma wɔn a wɔtane me kwa no mmmu me anikyeɛ!


Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho sukɔm de me kra. Da bɛn na mɛba mabɛfiri Nyankopɔn anim?


Ebunu frɛ ebunu, wo nsuo a ɛworo guo no gyegyeegye no mu, w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa abu afa me so.


Mma asuo a ayire no mmfa me, na mma ebunu mmmene me, na mma amena nnka me nnhyɛ mu mmmua n’ano.


Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ, na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.


Mefiri abura ase tɔnn meteaa mu mefrɛɛ wo din, AWURADE.


Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no, wɔpo wɔn ara wɔn ADOM.


Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A nkyerɛaseɛ ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi?


Na ne manfoɔ tane no, na wɔsomaa abɔfoɔ dii n’akyiri sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.


Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan