Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 69:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na me deɛ, mebɔ wo, AWURADE, mpaeɛ, adom berɛ mu, Onyankopɔn, w’adɔeɛ kɛseɛ nti, fa wo nkwagyeɛ nokorɛ gye me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na me deɛ, mebɔ wo, AWURADE, mpaeɛ, adom berɛ mu, Onyankopɔn, w’adɔeɛ kɛseɛ nti, fa wo nkwagyeɛ nokorɛ gye me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso mɛbɔ wo mpae, Awurade, wɔ wʼadom bere mu; wɔ wʼadɔe kɛse no nti, Ao, Onyankopɔn, fa wo nokware nkwagye no gye me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso mɛbɔ wo mpaeɛ, Ao Awurade, wɔ wʼadom berɛ mu; wɔ wʼadɔeɛ kɛseɛ no enti, Ao Onyankopɔn, fa wo nokorɛ nkwagyeɛ no gye me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na me de, mebɔ wo, AWURADE, mpae, ɔdom bere mu; Onyankopɔn, w’adɔe kɛse nti, fa wo nkwagye nokware gye me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 69:13
24 Iomraidhean Croise  

Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ammɔ me wura. Na me nso, AWURADE akyerɛ me me wura nuanom fie kwan.


Na ɛbaa sɛ ɔhene no hunuu Ɔhemmaa Ester sɛ ɔgyina abannwa soɔ no, ɔnyaa n’anim animuonyam, na ɔhene no tenee sika ahempoma a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ Ester. Na Ester twe pinii, na ɔbɛkaa ahempoma no ti.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ester apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ na wɔmma wo? Na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Eduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.


Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛtɔ so mmienu no mu nso apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ, Ɔhemmaa Ester, na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.


Yei nti teeni biara mmɔ wo mpaeɛ da a ɔbɛhu woɔ no. Ampa ara, sɛ asu kɛseɛ yiri a, ɛremfa ɔyaa korɔ.


Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔeɛ teɛ no, wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti pepa me mmarato.


Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.


Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ama Israel fie, asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Anisɔ berɛ mu na matie woɔ, na nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ, na mɛkora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam, sɛ: Ma asase no so si hɔ, na ma wɔmfa agyapadeɛ a ayɛ afo no nni so bio;


Monhwehwɛ AWURADE, berɛ a ɔma wɔhu no no, momfrɛ no berɛ a ɔbɛn no.


hwɛ wɔn asetena ne wɔn sɔreɛ no ɛ! Mene wɔn nnwom mu nsɛm akɛseɛ.


Fa nokorɛ kyerɛ Yakob, yi adɔeɛ kyerɛ Abraham, sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi tete nteredee nna mu no.


sɛ ɔbɛhu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no:


Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.


Na ɔka sɛ: Ɛberɛ a ɛsɛ mu na matie woɔ, nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ! Hwɛ, ɛnnɛ ne adom berɛ; hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Ɔno na wɔyaa no, na wanya bie, ɔhunuu amane, nanso wanhunahuna, na mmom ɔde n’asɛm hyɛɛ deɛ ɔbu atɛntenenee no nsa.


Bisabisa wo mmeranteɛ no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmeranteɛ no nnya w’anim adom, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa deɛ ɛwɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan