Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 67:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Aman ani bɛgye na wɔato ahosan nnwom, sɛ wobu aman atɛntenenee na wokyerɛkyerɛ asase so aman kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Aman ani bɛgye na wɔato ahosan nnwom, sɛ wobu aman atɛntenenee na wokyerɛkyerɛ asase so aman kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw dwom, efisɛ wudi nnipa no so trenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom, ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Aman ani begye na wɔato ahosan nnwom, sɛ wubu aman atɛntrenee na wokyerɛkyerɛ asase so aman kwan. Sela

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 67:4
18 Iomraidhean Croise  

Yei mpare wo sɛ wobɛdi saa asɛm yi sɛ wobɛkum ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛni afra, na ɔteneneeni ayɛ sɛ ɔdebɔneyɛni; yei mpare wo. Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?


Bisa me, na mede amanaman bɛyɛ wo apɛgyadeɛ, na mama woafa asase ano nohoa adi so


Me deɛ, maka sɛ: Moyɛ anyame, na mo nyinaa yɛ ɔsorosoroni no mma,


Ɔno na ɔbɛbu wiase atɛn tenenee mu, na wadi aman asɛm tenenee mu.


Monka amanaman mu sɛ, AWURADE di hene, na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim, na ɔbɛdi aman so, tenenee mu.


AWURADE anim, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu, ne aman wɔ atɛntenenee mu.


To dwom, wo bonini a woanwoɔ; to anigyeɛ dwom na fa ahosan team, wo a wonkyem mma! Na onnibie mma bɛdɔɔso asene deɛ ɔwɔ kunu mma, AWURADE na ɔseɛ.


Hwɛ, mede no mayɛ aman danseni, aman safohene ne mmarahyɛni.


Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforɔ no. Wɔn nyinaa firi Seba reba, sika ne ohwamfufuo na wɔsoso, na wɔbɛka AWURADE ayeyie.


ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo obonini a wonwoɔ, ma w’ani nnye; Wo a wonko awoɔ, di ahurisie na team! Ɛfiri sɛ deɛ ɔnni bie no mma dɔɔso kyɛne deɛ ɔwɔ kunu no deɛ.


Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese, ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were, na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan