Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 67:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so, wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so, wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 na ɔmma wonhu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagye wɔ amanaman no nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wonhu wo kwan asase so, wo nkwagye amanaman nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 67:2
19 Iomraidhean Croise  

Na n’adɔeɛ so yɛn so, na AWURADE nokorɛ wɔ hɔ daa. Monyi AWURADE ayɛ.


Wode anigyeɛ ahyɛ m’akomam asene berɛ a wɔn aburoo ne wɔn nsa dɔɔso no.


M’atamfoɔ kasa me ho bɔne sɛ: Da bɛn na ɔbɛwuo na ne din ayera?


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Na afei, yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na ma w’anim nhyerɛn wo kronkronbea a ayɛ amamfo no so, wo, AWURADE nti.


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ.


kaa sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusuo nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, tenenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛtene no konton anaa?


Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan soɔ; na ɔyɛ hye honhom mu nti, ɔkasae, na ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu ho nsɛm yie, nso Yohane asubɔ nkutoo na na ɔnim.


Na metaa Ɔkwan yi de kɔɔ owuo mu. Mekyekyeree mmarima ne mmaa, na meyii wɔn maa wɔde wɔn kɔguu afiase,


Ɛnna asafo no nyaa asomdwoeɛ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wɔnyini kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekyerɛ mu dɔree.


Na Nyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan