Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 66:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Deɛ ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefoɔ mmma wɔn ho so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Deɛ ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefoɔ mmma wɔn ho so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔde ne tumi di hene daa daa, na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. Mma atuatewfo nsɔre ntia no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa, na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Nea ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefo mmma wɔn ho so. Sela

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 66:7
21 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE de n’ani kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bɛdi ama wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho no. Yei mu woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri seesei de rekorɔ yi, akodie bɛba wo so.


Akoma mu nyansafoɔ ne tumi mu hoɔdenfoɔ no, hwan na wasene ne kɔn wɔ ne soɔ na asi no yie?


AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.


AWURADE, mma ɔbɔnefoɔ deɛ ɔpɛ, mma n’agyina no nnkɔ so, na wɔamma wɔn ho so.


W’ahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie fa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


AWURADE firi soro hwɛ, ɔhunu nnipa mma nyinaa.


Na Onyankopɔn akasa prɛko, mprenu na mateɛ: Sɛ tumi yɛ Nyankopɔn dea,


Na ɛmfiri apueeɛ, na ɛmfiri atɔeɛ, nanso ɛmfiri mmepɔ serɛ so,


Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;


na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan