Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 64:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkyerɛma so asɛm abua wɔn atifi, wɔn a wɔhu wɔn nyinaa ho bɛpopo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkyerɛma so asɛm abua wɔn atifi, wɔn a wɔhu wɔn nyinaa ho bɛpopo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɛdan wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn na ɔde wɔn aba ɔsɛe mu; na wɔn a wobehu wɔn nyinaa de animka bɛbɔ wɔn ti nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔbɛdane wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn na ɔde wɔn aba ɔsɛeɛ mu; na wɔn a wɔbɛhunu wɔn nyinaa bɛbɔ wɔn tiri nko wɔ animtiabuo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkrɛma so asɛm abua wɔn atifi, wɔn a wɔhwɛ wɔn nyinaa ho bɛpopo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 64:8
19 Iomraidhean Croise  

Wo ara w’ano na ɛbu wo fɔ, na ɛnyɛ me, aane, wo ara ankasa w’ano na ɛdi adanseɛ tia woɔ.


Wɔn a wɔtwa me ho hyia no deɛ, ma wɔn anomu mmusuo mmua wɔn atifi.


Pa anyinam, na pansam wɔn, toto wo mmɛmma, na sɛe wɔn.


Wɔn a wɔhu me nyinaa di me ho fɛw trɛ wɔn anomu woso wɔn tiri ka sɛ:


M’ahohiahiafoɔ nyinaa nti mayɛ ɔhohorafoɔ, na mayɛ me ho tefoɔ so duru, na m’amannifoɔ suro me, wɔn a mefiri adi a wɔhu me dwane me.


Teneneefoɔ nso bɛhunu asuro, na wɔasere no sɛ:


Wɔn anomu nsɛm yɛ nsɛmmɔne nko, enti ma wɔnkye wɔn, wɔn ahantan mu, ne nseɛ ne atorɔ a wɔdie no nti.


Ɛfiri sɛ m’atamfoɔ asane wɔn akyi, wɔatotɔ, na wɔayera w’anim.


Ano mfomsoɔ yɛ fidie ma ɔbɔnefoɔ, na ɔteneneeni bɛfiri ahohiahia mu.


Ɔkwasea ano ne ne sɛeɛ, na n’anofafa ne ne kra fidie.


Sɛ wɔnnane wɔn asase no amamfo ne daa fɛdie adeɛ. Obiara a ɔbɛtwam hɔnom no ho bɛdwiri no, na wawoso ne ti.


Israel anyɛ wo aseredeɛ, sɛ wohunuu no akorɔmfoɔ mu? Na da biara a woka ne ho asɛm no wowosowoso wo ti.


Na obiara a ɔbɛhu woɔ no bɛdwane wo, na waka sɛ: Ninewe adane kurofo! Hwan na ɔbɛdi ne ho abooboo? Ɛhe na mɛhwehwɛ awerɛkyekyefoɔ mama woɔ?


Na Israelfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa dwanee wɔ wɔn gyegyeegye no ano, kaa sɛ: Anyɛ a asase bɛmene yɛn nso!


Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofoɔ foforɔ a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne berɛ mu.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na menam mɛbu wo atɛn. Wonim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa deɛ memfa mentoo hɔ, na metwa deɛ menguiɛ,


N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ Babel, kuro a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.


Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: Me man, momfiri ne mu, na moanyɛ ne nneyɛɛ bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan