Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 61:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Mɛtena wo ntomadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me soɔ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Mɛtena wo ntomadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me soɔ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntamadan no mu afebɔɔ na manya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Mɛtena wo ntamadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me so no ase. Sela

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 61:4
18 Iomraidhean Croise  

O AWURADE, hwan na ɔbɛsoɛ wo ntomadan mu? Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron soɔ?


Hwɛ me so sɛ ani kurutuawisi, fa me hunta wo ntaban nwunu ase,


Ampa ara yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi m’akyiri me nkwa nna nyinaa, na mɛtena AWURADE fie daa.


Adeɛ baako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyiri kwan; sɛ me nna a medie nyinaa mɛtena AWURADE fie, na mahwɛ AWURADE animteɛ, na madwene me tirim wɔ n’asɔrefie.


Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra dwane bɛtoa woɔ, na wo ntaban ase nwunu mu na mepɛ me dwanekɔhyɛbea kɔsi sɛ ahohia yi bɛtwa mu.


Ɔbɛtena Nyankopɔn anim daa, fa adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ no so.


Nyankopɔn nsam na me nkwagyeɛ ne m’animuonyam wɔ, me botan a ɛyɛ den, me dwanekɔhyɛbea ne Onyankopɔn.


Na woayɛ me boafoɔ, na wo ntaban ase nwunu mu na medi ahurisie.


AWURADE, wo na woayɛ yɛn dwanekɔbea, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Deɛ ɔte ɔsorosoroni no huntabea, mekyerɛ deɛ ɔtena Otumfoɔ no nwunu ase no


Ɔde ne ntakra bɛkata wo so, na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔhyɛ, ɔkyɛm ne nkataboɔ ne ne nokorɛ.


Wɔn a wɔatɛ wɔn AWURADE fie no bɛfefɛ yɛn Nyankopɔn abannwa so.


Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no.


Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no.


AWURADE nhyɛ wo wo nneyɛɛ ananmu na nya akatua mu firi AWURADE Israel Nyankopɔn a woaba ne ntaban ase abɛdan no no nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan