Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 59:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na hwɛ, wɔtɛ me kra, akokobirefoɔ boaboa wɔn ho ano tia me. AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na hwɛ, wɔtɛ me kra, akokobirefoɔ boaboa wɔn ho ano tia me. AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Hwɛ sɛnea wɔatɛw rehwehwɛ me akum me! Nnipa a wɔn ho yɛ hu bɔ pɔw bɔne tia me a emfi me mfomso anaa bɔne bi, Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Hwɛ sɛdeɛ wɔatɛ repɛ me akum me akokobirefoɔ bɔ pɔ bɔne tia me a ɛnyɛ mfomsoɔ anaa bɔne bi a mayɛ enti, Ao Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na hwɛ, wobuw me kra, akokobirifo boaboa wɔn ho ano hyɛ me, AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 59:3
18 Iomraidhean Croise  

Wɔn na wɔdwene akoma mu bɔne, daa nyinaa wɔka ɔko.


Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,


Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me mfidie, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛeɛ ho asɛm, na wɔdwene nnaadaasɛm da mu nyinaa.


Wɔboa ano hyia ma wɔtɛ me, na wɔkari m’anammɔn berɛ a wɔtwɛn me kra.


Wɔn a wɔtane me kwa dɔɔso sene me tiri so nwi, m’asɛefoɔ a wɔyɛ m’atamfoɔ atorofoɔ dɔɔso, deɛ memfaeɛ no, wɔse mennane memma.


Abɔnefoɔ nsɛm yɛ mogyatɛ, na teefoɔ ano bɛyi wɔn.


Ɔbɔnefoɔ, ntɛ ɔteneneeni fie, na nsɛe ne homebea.


Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie.


Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa.


Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛ no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.


Na Saulo ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wɔnkum Dawid.


Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ wo batakari ano kura me nsam. Na ɛnam sɛ matwa wo batakari ano na manku woɔ yi, hunu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne biara, nso wo deɛ, worepɛ me aku me.


Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wotene kyɛne me, ɛfiri sɛ wode papa atua me ka, na me deɛ, mede bɔne matua wo ka.


Na ɔkaa sɛ: Adɛn nti na me wura di n’akoa akyiri seyie? Mayɛ dɛn? Anaasɛ bɔne bɛn na ɛwɔ me nsam?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan