Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 57:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Wɔsum m’anammɔn fidie, me kra brɛɛ ase, wɔtuu me kwan mu amena, wɔn ankasa ahwehwe mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Wɔsum m’anammɔn fidie, me kra brɛɛ ase, wɔtuu me kwan mu amena, wɔn ankasa ahwehwe mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔtrɛw asau mu de sum mʼanan afiri, ahohiahia brɛɛ me ase. Wotuu amoa wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie, ahohiahia brɛɛ me ase. Wɔtuu amena wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Wosum m’anammɔn afiri, me kra brɛɛ ase, wotuu me kwan so amoa, wɔn ankasa ahwehwe mu. Sela

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 57:6
18 Iomraidhean Croise  

Na Dawid hyiraa AWURADE, badwa no nyinaa anim, na Dawid kaa sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, firi daa kɔsi daa.


Wo AWURADE na kɛseyɛ, mmaninyɛ, animuonyam, nkonimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na wokorɔn wɔ adeɛ nyinaa soɔ.


Deɛ ɛbɛyɛ na woagye w’adɔfo nti, fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye me so.


Ahantanfoɔ de fidie ne nhoma ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma kwankyɛn, wɔasum me apa.


Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na wɔsum me fidie.


Na me honhom tɔ piti me mu, m’akoma asene me yam.


AWURADE wowa wɔn a wɔhwe aseɛ nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotoɔ nyinaa so gyina.


ne me Nyankopɔn. Me kra aboto wɔ me mu, enti mekae wo, Yordan ne Hermon mmepɔ asase so, Misar bepɔ so.


Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu. Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ ano.


Deɛ ɔgyegye teefoɔ kɔ bɔne kwan soɔ no, ɔbɛhwe ɔno ara amena mu, na pɛyɛfoɔ bɛdi adepa.


Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, ɔsum n’anammɔn fidie.


Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie.


nanso sɛ mete aseɛ na AWURADE animuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan