Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 57:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra dwane bɛtoa woɔ, na wo ntaban ase nwunu mu na mepɛ me dwanekɔhyɛbea kɔsi sɛ ahohia yi bɛtwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra dwane bɛtoa woɔ, na wo ntaban ase nwunu mu na mepɛ me dwanekɔhyɛbea kɔsi sɛ ahohia yi bɛtwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Hu me mmɔbɔ, me Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya guankɔbea. Wo ntaban nwini ase na mɛpɛ guankɔbea kosi sɛ amanehunu no betwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya dwanekɔbea. Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea kɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra guan toa wo, na wo ntaban ase nwini mu na mepɛ me guankɔbea kosi sɛ ahohia yi betwam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 57:1
34 Iomraidhean Croise  

Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE soɔ no te sɛ Sion bepɔ, ɛnhinhim, na ɛsi hɔ daa.


Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so, m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,


Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, mede me nne mekoto mesrɛ AWURADE,


Momfa nidie mapa mma no, na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuo adɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.


Ao, Onyankopɔn, hwɛ sɛdeɛ w’adɔeɛ no si so fa! Na nnipa mma de wɔn ho kɔhyɛ wo ntaban nwunu ase.


Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdasani repɛ me amene me, daa nyinaa ɔde ɔko hiahia me ho.


Mo atumfoɔ, ampa ara, moka asɛntenenee anaa? O, nnipa mma, mobu atɛntenenee anaa?


Me Nyankopɔn, gye me firi m’atamfoɔ nsam, bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre tia me no ho.


Mɛtena wo ntomadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me soɔ no ase.


Na woayɛ me boafoɔ, na wo ntaban ase nwunu mu na medi ahurisie.


Onyankopɔn, yɛda wo ase da wo ase, na wo din abɛn; wɔka w’anwanwadeɛ kyerɛ.


Na wɔn a wɔnim wo din de wɔn ho bɛto wo so, ɛfiri sɛ woannya wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.


Deɛ ɔte ɔsorosoroni no huntabea, mekyerɛ deɛ ɔtena Otumfoɔ no nwunu ase no


Ɔde ne ntakra bɛkata wo so, na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔhyɛ, ɔkyɛm ne nkataboɔ ne ne nokorɛ.


Na wo, AWURADE, ne me dwanekɔbea, aane, ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo tenabea.


nanso aka kakra bi na abufuhyeɛ no to atwa, na m’abufuo adane akɔdwerɛ wɔn.


Me man, kɔ na kɔhyɛne wo mpia mu, na toto w’akyiri apono mu; fa wo ho hunta kakraa bi kɔsi sɛ abufuo no bɛtwam akorɔ.


Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE, na ɔtie n’akoa asɛm? Deɛ ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, ma no mfa ne ho nto AWURADE din so, na ɔntwere ne Nyankopɔn.


Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti, wɔbɛtwa nna no so.


O Yerusalem, Yerusalem a wokum adiyifoɔ na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mprɛ ahe nie a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban aseɛ, nanso moampɛ.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mobɛsu na moatwa adwo, na wiasefoɔ ani bɛgye; na mo deɛ, mo werɛ bɛho, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.


Ɛno nti mepaa AWURADE kyɛw sɛ: AWURADE Nyankopɔn, nsɛe wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no.


Na ɔbɛpepa wɔn ani ase nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea biara nni hɔ bio, ɛfiri sɛ kane nnoɔma no atwam.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


AWURADE nhyɛ wo wo nneyɛɛ ananmu na nya akatua mu firi AWURADE Israel Nyankopɔn a woaba ne ntaban ase abɛdan no no nsam.


Na Dawid firi hɔ kɔeɛ, na ɔdwane kɔɔ Adulam bodan mu. Na ne nuanom ne n’agya fie nyinaa teeɛ no, wɔsiane kɔɔ ne nkyɛn hɔ.


Na ɔduruu nnwammuo a ɛwɔ ɛkwan no soɔ no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saulo hyɛnee mu sɛ ɔrekɔgya ne nan. Na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa.


Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ, no nie. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kɔtwaa Saulo batakari ano.


Na ɛno akyiri no, Dawid nso sɔre firii ɔbodan no mu firii adi, na ɔhyɛɛ Saulo mmɔn sɛ: Me wura, ɔhene! Na Saulo hwɛɛ n’akyiri no, Dawid bɔɔ ne tiri ase na ɔkotoe;


Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nku no, na hwan na ɔtene ne nsa ka deɛ AWURADE asra no na ɔdi bem?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan