Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 53:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛno na wɔn ho popoeɛ, deɛ ahopopoɔ nnie hɔ, na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsraban nnompe, woahyɛ wɔn aniwuo, na Onyankopɔn apa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɛno na wɔn ho popoeɛ, deɛ ahopopoɔ nnie hɔ, na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsraban nnompe, woahyɛ wɔn aniwuo, na Onyankopɔn apa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa wɔ faako a ehu nni. Onyankopɔn hwetee wɔn a wɔtow hyɛɛ wo so no nnompe mu; wuguu wɔn anim ase, efisɛ Onyankopɔn buu wɔn animtiaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa! Wɔn ho popo wɔ beaeɛ a ehu nni hɔ. Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu; wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu wɔn animtiaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛno na wɔn ho popoe, nea ahopopo nni hɔ, na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsra nnompe, woahyɛ wɔn aniwu, na Onyankopɔn apa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 53:5
22 Iomraidhean Croise  

Ehu nkateɛ gyegye n’aso mu, asomdwoeɛ mpo mu na ɔsɛefoɔ ba ne soɔ.


Ɛno na wɔn ho popoeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu.


Sɛdeɛ obi dwiri asase funtum soɔ no, saa ara na wɔama yɛn nnompe apete Damena ano.


Deɛ ɔte soro no sere, AWURADE di wɔn ho fɛw.


Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa, ma wɔn ani nwu na wɔn anim ngu ase. Wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no, ma aniwuo ne ahohora nsi wɔn aduradeɛ!


Ma wɔn a wɔhwehwɛ me wuo no anim ngu ase na wɔn ani nwu, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne no mfa ahohora nsane wɔn akyi!


Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra asɛe no no ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi, na wɔnnane ahohorafoɔ.


Sɛ daeɛ a wɔaso anyane, na wo, AWURADE, wokanyane wo ho a, woma ani pa wɔn sunsumban soɔ.


Abɔnefoɔ dwane berɛ a obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.


Na hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa ma wɔabu wo animtia nnipa mu.


Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapoɔ, ɛfiri sɛ AWURADE apo wɔn.


Wabu ne sese no agu sɛ turo mu deɛ a wasɛe ne dwabirem; AWURADE ama werɛ afiri Sion mu afahyɛ ne homeda, na n’abufuo mu awerɛhoɔ mu wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.


na mede Israelfoɔ afunu magu wɔn abosom anim, na mabɔ mo nnompe apete mo afɔrebukyia ho ahyia.


Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane.


Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn akoma mu wɔ wɔn atamfoɔ nsase no so, na ahahan a ɛteɛ huuyɛ aka wɔn agu na wɔadwane sɛdeɛ obi dwane firi nkrantɛ ano na wɔatotɔ, berɛ a obi mpamo wɔn;


Na ehu baa nsraban no mu, petee mu ne ɛdɔm no nyinaa mu; bansifoɔ no ne fomfafoɔ no nso ehu kaa wɔn, na asase no wosoe; na ɛyɛɛ ehu kɛse pa ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan