Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 53:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Nanso wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Nanso wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Obiara amane; wɔn nyinaa ayɛ bɔne; wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa; ɔbaako mpo nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 53:3
13 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Israel mmarima nyinaa firii Dawid akyi kɔ kɔdii Bikri ba Seba akyire. Na Yuda mmarima deɛ, wɔbataa wɔn hene ho firi Yordan ho ara de baa Yerusalem.


Na nkantom deɛ ne ho yɛ nwunu na waporɔ, onipa a ɔnom amumuyɛ sɛ nsuo!


Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so.


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


ne wɔn a wɔsane firi AWURADE akyi ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ AWURADE na wɔmmisaa n’akyiri kwan no.


Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa ayɛ deɛ mfasoɔ nni wɔn so, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu.


Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, anka mobɛhunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.


Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Deɛ ɔyɛ papa no firi Nyankopɔn mu, na deɛ ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn.


Deɛ ɔntene no nntene ara, na deɛ ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na deɛ ɔtene no ntene ara, na deɛ ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan