Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 51:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Wo nko ara na mafom woɔ, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasa mu, na wo ho ate, w’atemmuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Wo nko ara na mafom woɔ, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasa mu, na wo ho ate, w’atemmuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mayɛ mfomso atia wo; atia wo nko ara na mayɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, enti wudi bem wɔ wʼatemmu mu na woteɛ wɔ wʼatemmu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, enti, wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Wo nko ara na mafom wo, na mayɛ nea ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasam, na wo ho atew, w’atemmu mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 51:4
23 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no daeɛ mu sɛ: Me nso menim sɛ w’akomam kann na wode yɛɛ yei, na me nso mesɔɔ wo mu, na woanyɛ bɔne, ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no.


Na Yuda abakan Er dii amumuyɛsɛm AWURADE anim, na AWURADE kumm no.


Obiara nyɛ kɛseɛ nsene me efie ha, na ɔnkame me biribiara gye wo, ɛnam sɛ ne yere ne woɔ ntira. Na adɛn na menyɛ amumuyɛ kɛseɛ yi, na menyɛ bɔne mentia Onyankopɔn?


Deɛ ɔhwie onipa mogya guo no, onipa so na wɔnam bɛhwie ne mogya aguo, ɛfiri sɛ Nyankopɔn suban so na ɔyɛɛ onipa.


Na wɔmemaa wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa fefaa ogya mu, na wɔhyehyɛɛ nkɔm bisabisaa adeɛ, na wɔtontɔn wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne de ahuru ne bo.


Na ɔmaa ne babarima faa ogya mu de bɔɔ afɔdeɛ, na ɔyɛɛ abayideɛ ne adebisadeɛ, na ɔhyehyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, ɔmaa bɔne a ɔyɛeɛ no dɔɔso AWURADE ani so de huruu ne bo.


Ɔrefrɛ ɔsorofoɔ firi ɔsoro aba, ne asase, sɛ ɔrebɛbu ne man atɛn:


Na ɔsoro bɛka ne tenenee akyerɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔrebɛbu atɛn.


Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ.


Asodie ho afɔdeɛ ne no. AWURADE ho so na wadie.


Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio.


(Na nkurɔfoɔ a wɔteeɛ nyinaa ne togyefoɔ gyee Onyankopɔn nnwuma too mu maa wɔde Yohane asubɔ no bɔɔ wɔn asu;


ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


Dabi da, na mmom ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ, na nnipa nyinaa nyɛ atorofoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɛbɛyɛ na woadi bem wɔ wo nsɛm mu, na wobu atɛn a, woadi nkonim.


Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ no, ɔkaa nso sɛ: Nni awu! Na sɛ wonsɛe awadeɛ na wodi awu a, na woayɛ mmara no tofoɔ.


Na sɛ mohwɛ anim yiyi nnipa mu a, moyɛ bɔne, na mmara no yi mo atɛn sɛ mmaratofoɔ.


Na metee sɛ nsuo so bɔfoɔ no se: Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dada, na woyɛ kronkron, wotene, ɛfiri sɛ woabu atɛn saa,


Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan