Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 51:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Nto me mfiri w’anim ntwene, na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Nto me mfiri w’anim ntwene, na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Mpam me mfi wʼanim, na nyi wo Honhom Kronkron mfi me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Mpamo me mfiri wʼanim na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Ntow me mfi w’anim nkyene, na nyi wo honhom kronkron mfi me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 51:11
23 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, woapamo me nnɛ afiri asase yi so, na mɛhunta mafiri w’anim, na mayɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so, na obiara a ɔbɛhu me no, ɔbɛku me.


Na AWURADE kaa sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ wɔyɛ honam, enti ne nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu.


Na m’adɔeɛ remfiri ne ho sɛdeɛ ɛfirii Saulo a metuu no w’anim no ho no.


Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ wɔn n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pameeɛ no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wanto wɔn antwene amfiri n’anim de bɛsi seesei.


Na AWURADE kaa sɛ: Mɛyi Yuda nso afiri m’anim, sɛdeɛ meyii Israel no, na mapo Yerusalem kuro a mafa yi ne efie a mekaa sɛ: Me din bɛtena hɔ, no.


Na ɛnam AWURADE abufuo so na ɔtuu Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ. Na Sedekia tee Babel hene so atua.


Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn, adɛn nti na woto me twene? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?


Onyankopɔn, nkɔkoraaberɛ ne ɛdwono mu nso mpa me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.


Nto me ntwene nkɔkoraaberɛ, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnya me.


na matoto mo afiri m’anim agu, sɛdeɛ metoo mo nuanom nyinaa, Efraim asefoɔ nyinaa, guiɛ no.


Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ mode nnepa ma mo mma a, mprɛ ahe ara na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wɔbisa no?


na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka akyerɛ mo no nyinaa.


na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Nyankopɔn Ba, ahoteɛ honhom fam, awufoɔ sɔreɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛn Awurade


Na mo deɛ, monni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Nyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea.


Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.


Wɔn na wɔbɛnya akatua a ɛyɛ daa ɔsɛeɛ, ne yi a wɔyi wɔn firi Awurade anim ne ne tumi animuonyam ho,


Na AWURADE honhom firii aseɛ kekaa no wɔ ne mu, Dan nsraban mu Sora ne Estaol ntam.


Ɔreyɛ aduru Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ne so ose. Na AWURADE honhom sii ne so, na ntampehoma a ɛwɔ ne basa ho no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka na ne homa no sanesane firii ne nsa.


Na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔse: Mɛfiri adi sɛ kane no, na mawoso me ho. Nanso ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ AWURADE afiri ne ho.


Na wɔduruu kokoɔ no so hɔ no, hwɛ, adiyifoɔ asafo bɛhyiaa no, na Nyankopɔn honhom bɛsii ne so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu.


Na AWURADE honhom firii Saulo ho, na honhommɔne firi AWURADE nkyɛn bɛhaa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan