Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 51:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ao, Onyankopɔn, bɔ koma a mu tew wɔ me mu, na yɛ honhom a atim no foforo wɔ me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu, na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 51:10
26 Iomraidhean Croise  

Deɛ efi nni ne nsam na n’akomam teɛ, deɛ ɔmma ne kra ani nsa ahuhudeɛ, na ɔnka nkontompo ntam.


Me nnompe nyinaa bɛka sɛ: AWURADE, hwan na ɔte sɛ wo a wogye ɔmanehunufoɔ deɛ ɔyɛ den sene no no nsam ne ɔmanehunufoɔ ne ohiani firi ne dwotwafoɔ no nsam.


Ampa ara, Onyankopɔn yɛ ma Israel, ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.


na wɔn akoma deɛ, ɛntim ne ho, na wɔanni n’apam mu nokorɛ.


Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ, mma a wɔmfa wɔn akoma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokorɛ.


Hwan na ɔbɛka sɛ: Mate no m’akoma mu, me ho afi afiri me bɔne ho?


W’akyiwadeɛ a ɛne w’awaresɛeɛ, ne wo hwenemporeɛ, w’adwamammɔ atantanneɛ, wiram nkokoɔ so, na mahunu. Due, O Yerusalem! Ɛnkɔsi da bɛn na wo ho bɛte bio?


Na mɛma wɔn akoma korɔ ne ɔkwan korɔ, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyire no yie.


Na mɛma wɔn akoma korɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ wɔn mu, na mayi ɔboɔ akoma no afiri wɔn honam mu, na mama wɔn honam akoma,


Montoto mo mmaratodeɛ a mode too mmara no nyinaa mfiri mo so ngu, na monyɛ akoma foforɔ ne honhom foforɔ mfa. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ mowuo yi, Israel fie?


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei bio na Israel fie bɛbisa no me hɔ, na mɛyɛ mama wɔn. Mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ Yerusalem nnwankuo.


Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.


Na ɔbaeɛ na ɔbɛhunuu Nyankopɔn adom no, n’ani gyee, na ɔtuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.


Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no.


na moahyɛ onipa foforɔ a wɔayɛ no foforɔ aba nimdeɛ mapa mu a ɛgyina deɛ ɔbɔɔ no no suban soɔ;


ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.


Ɛfiri sɛ, onipa a n’adwene yɛ no ntanta no hinhim n’akwan nyinaa mu.


Ɛno nti na Hebron yɛɛ Kenesini Yefune ba Kaleb agyapadeɛ de bɛsi nnɛ da yi, ɛfiri sɛ ɔdii AWURADE Israel Nyankopɔn no akyi yie.


Monte mo kra ho, nokorɛ setie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na momfiri akoma mu nnodɔ mo ho mo ho denden.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan