Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 50:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sion, ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ no mu na Onyankopɔn firi hran.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sion, ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ no mu na Onyankopɔn firi hran.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Onyankopɔn hyerɛn fi Sion kurow a ne fɛ wie pɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Onyankopɔn hran firi Sion kuro a ne fɛ wie pɛ yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sion, ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ mu, na Onyankopɔn fi haran.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 50:2
20 Iomraidhean Croise  

Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔ, atifi fam nkyɛn mu no, ɔhenkɛseɛ kuro no.


Onyankopɔn ama wɔahu no kuro yi aban mu sɛ abankɛseɛ.


Onyankopɔn, wɔhunu w’adi a worebɛfire, me Nyankopɔn ne me hene adi a ɔrebɛfiri, kronkronbea hɔ.


Israel dwanhwɛfoɔ, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nnwankuo, wo a wote Kerubim soɔ, pue hran.


Fa wo nsa kata wo nifa nipa no so, onipa ba a woafa no ayɛ wo deɛ pintinn no so,


Efraim ne Benyamin ne Manase anim na ma wo homene soɔ, na bra bɛgye yɛn.


Aweretɔ Nyankopɔn, AWURADE, aweretɔ Nyankopɔn, pue.


N’anomu wɔ adɔkɔdɔkɔwadeɛ, na ne ho nyinaa yɛ akɔnɔdeɛ ara nko. Me dɔfoɔ nie, na m’adamfo nie, O Yerusalem mmammaa.


Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.


Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti. Na asase bɛyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.


Wɔn a wɔtwam kwan soɔ nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so. Wɔbɔ hwerɛma woso wɔn tiri gu Yerusalem babaa so ka sɛ: Kuro a wɔfrɛ no: Ahoɔfɛ a ɛwie pɛ yɛ, asase nyinaa ahosan no, nie?


Mɛkɔ, mɛsane makɔ baabi, akɔsi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hiahia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.


Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu; na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


Na ne yie ne sɛn, na n’ahoɔfɛ ne sɛn? Aduane bɛma mmeranteɛ ayɛ tokotokoo na nsamono nso ama mmabaa ayɛ saa ara.


AWURADE firi Sinai bae, na ɔpue firii Seir maa wɔn, ɔharan firii Paran bepɔ so; ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.


na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nifa mu, na afena anofanu nnamnnam firi n’anomu, na n’anim te sɛ owia rehyerɛn n’ahoɔden mu.


Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan