Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 5:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; Awurade kyi mogyapɛfo ne asisifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm; Awurade kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; AWURADE kyi mogyapɛfo ne asisifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 5:6
13 Iomraidhean Croise  

Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛntumi saa adeɛ yi yɛ, sɛ yɛde yɛn nua bɛma ɔbarima a ɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ ɛno yɛ ahohora ma yɛn.


AWURADE atua wo Saulo a wobɛdii n’adeɛ no fie mogya nyinaa so ka, na AWURADE de ahennie no ahyɛ wo ba Absalom nsa, na hwɛ, w’asotwe mu na woda yi, ɛfiri sɛ woahwie mogya agu!


Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yɛnni agyapadeɛ Yisai ba no nkyɛn. Israel, monkɔ mo adan mu.


AWURADE sɔ ɔteneneeni hwɛ, na ɔbɔnefoɔ ne deɛ ɔpɛ amim deɛ, ne kra tane no.


Mo mmarima mma, m’animuonyam bɛdane ahohora akɔsi da bɛn? Mobɛdɔ ade hunu, mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn?


O Onyankopɔn, bu me bem, na wo ne ɔman a ɛnyɛ no nni asɛm mma me. Gye me firi nkontomponi ne omimfoɔ nsam.


Na wo, Onyankopɔn, wode wɔn bɛkɔ ɔsɛeɛ amena mu, mogyapɛfoɔ ne nnaadaafoɔ renni wɔn nna fa, na me deɛ, mede me ho meto wo so.


Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti. Na asase bɛyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.


sɛ nnipa a adeɛ a ɛntene nyinaa, amumuyɛ, anibereɛ, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asutufoɔ,


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan