Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 5:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ma wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ nyinaa ani nnye, na wɔmfa ahosan nhuro daa, ɛfiri sɛ woakata wɔn so, na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ma wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ nyinaa ani nnye, na wɔmfa ahosan nhuro daa, ɛfiri sɛ woakata wɔn so, na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye; ma wɔmfa anigye nto dwom daa. Trɛw wo bammɔ mu wɔ wɔn so, na wɔn a wɔdɔ wo din no ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye; ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa. Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so, na wɔn a wɔdɔ wo din no ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ma wɔn a woguan toa wo nyinaa ani nnye, na wɔmfa ahosan nhuro daa, efisɛ woakata wɔn so, na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 5:11
18 Iomraidhean Croise  

berɛ a adekyeeɛ nsoromma boom too ahurisie dwom, na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no?


Momfa nidie mapa mma no, na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuo adɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.


Wɔn a me tenenee sɔ wɔn ani no, ma wɔnni ahurisie na wɔn ani nnye; ma wɔnka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ, sɛ n’akoa yiedie sɔ n’ani.


Ma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ nyinaa nni ahurisie, na wɔn ani nnye wo ho; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ nka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.


Ɔtenenee ani bɛgye sɛ wahunu aweretɔ, ɔbɛhohoro ne nan ase ɔbɔnefoɔ mogya mu.


Nnwankuo ahyɛ adidibea no ma, aburoo nso akata abɔn no mu, wɔdi ahurisie bɔ ose, anigyeɛ dwom nko ara na wɔtoɔ.


Na teneneefoɔ deɛ, wɔn ani bɛgye, wɔbɛdi Nyankopɔn anim ahurisie na wɔn ho asane wɔn, anigyeɛ mu.


Na ne nkoa asefoɔ bɛnya adi, na wɔn a wɔpɛ ne din no atena mu.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Na yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ani nhunuiɛ, na aso nteeɛ na ɛmmaa onipa akoma mu da ne nnoɔma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.


Nhyira ne onipa a ɔto ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ.


Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan