Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 44:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, ɛfiri sɛ wopɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, ɛfiri sɛ wopɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛnyɛ wɔn afoa na wɔde nyaa asase no, na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdi; ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa, ne wʼanim hann, efisɛ na wodɔ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no, na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie; ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa, ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɛnyɛ wɔn ara afoa na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na egyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, efisɛ wopɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 44:3
27 Iomraidhean Croise  

Na ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase soɔ a ɛte sɛ wo man Israel, wɔn a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ne man na ɔde agye din, na wayɛ nnoɔma akɛseakɛse a ɛyɛ hu ama wɔn, ɛberɛ a wogyee wo man firii Misraim maa wo ho, wɔ amanaman ne wɔn anyame nsam no anim?


Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wotuu asase yi sofoɔ firii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefoɔ sɛ wɔntena so daa?


Wayi ne nneyɛɛ tumi akyerɛ ne man de amanaman agyapadeɛ ama wɔn.


Fa anwanwa kwan so yi wo dɔ mapa adi kyerɛ, wo a wogye wɔn a wɔhwehwɛ dwanekɔbea, firi wɔn atamfoɔ nsam wɔ wo nifa.


Afei mahunu sɛ AWURADE boa deɛ wasra no no, ɔgye no so, ne soro kronkronbea hɔ, ɔde ne nifa ahoɔdenneɛ gye no.


Nnipa bebree bisa sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛahunu papa? AWURADE, te w’anim ma no nhran yɛn so.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ


Adɛn nti na wotwe wo nsa, wo nsa nifa? Yi firi wo kokom, wie wɔn.


Wode wo nsa na agye wo man, Yakob ne Yosef mma no.


Ɔpampamm amanaman, wɔn anim, na ɔtwee wɔn awunnyadeɛ so ntonto kyɛɛ no homa so, na ɔmaa Israel mmusuakuo tenatenaa wɔn ntomadan mu.


Wɔde ogya ahye no, wɔatwitwa no, w’anim ateatea nti wɔresɛe.


Woyii n’anim kwan, na ɛgyee nhini, na ɛyɛɛ asase ma.


Ehu ne suro gu wɔn so, wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔboɔ, kɔsi sɛ wo man bɛtwam, O AWURADE, kɔsi sɛ ɔman a wogyee wɔn no bɛtwam.


Deɛ ɔmaa n’animuonyam basa no dii Mose nifa, deɛ ɔpaee nsuo mu, wɔn anim de gyee daa din faeɛ no?


Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so na ɔde ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Na yɛwɔ saa agyapadeɛ yi wɔ dɔteɛ anwenneɛ mu, sɛdeɛ wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro soɔ no ayɛ Nyankopɔn dea, na amfiri yɛn mu.


Nanso wo nananom nko na AWURADE bata wɔn ho sɛ ɔbɛdɔ wɔn, na wayi wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire a ɛne mo, afiri aman nyinaa mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na mesomaa nkotokurodu dii mo anim maa wɔpamoo wɔn firii mo anim, Amorifoɔ ahemfo baanu no, ɛnyɛ wo nkrantɛ so na ɛnyɛ wo tadua soɔ.


Ɛnna Yosua kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no wɔ mo mu, na pamo na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Hewifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri mo anim.


Na AWURADE din kɛseɛ no nti ɔrempa ne man, na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan