Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 43:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 O Onyankopɔn, bu me bem, na wo ne ɔman a ɛnyɛ no nni asɛm mma me. Gye me firi nkontomponi ne omimfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 O Onyankopɔn, bu me bem, na wo ne ɔman a ɛnyɛ no nni asɛm mma me. Gye me firi nkontomponi ne omimfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Me Nyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a etia ɔman a wonsuro wo no ma me; gye me fi nnaadaafo ne amumɔyɛfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ao Onyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me; gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Onyankopɔn, bu me bem, fi ɔman a wonnye nni nsam. Gye me fi okontomponi ne omimfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 43:1
21 Iomraidhean Croise  

Na obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ahitofel fra wɔn a wɔne Absalom apam no mu. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatuo nnane nkwaseasɛm.


Ɛnna Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: Tu yɛn fo wɔ deɛ yɛnyɛ ho ɛ.


Na ɔko no trɛɛ wɔ asase no nyinaa ani, na ɛdɔm no mu wɔn a wɔwuu kwaeɛ no mu dɔɔso sene wɔn a wɔwuu nkrantɛ ano da no.


Ahantanfoɔ de fidie ne nhoma ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma kwankyɛn, wɔasum me apa.


AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE soɔ, manwatiri.


AWURADE, wo ne wɔn a wɔne me ham no nham, wo ne wɔn a wɔne me ko no nko!


AWURADE, me Nyankopɔn, fa wo tenenee so bɛbu me atɛn, na mma wɔn ani nnnye me ho!


Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.


na ananafoɔ asɔre atia me, na atirimuɔdenfoɔ rehwehwɛ me kra, wɔamfa Onyankopɔn anyɛ wɔn ani so biribi.


Na ma aman asafo ntwa wo ho nhyia, na sane firi wɔn so kɔ soro.


AWURADE bɛbu aman atɛn; AWURADE di m’asɛm sɛdeɛ me tenenee ne bem a ɛwɔ me mu teɛ.


Ao, ma abɔnefoɔ bɔne to ntwa ɛ! Na ma ɔteneneeni ntim. Na wone tenenee Nyankopɔn a wosɔ akoma ne adwene hwɛ.


Me Nyankopɔn, gye me firi ɔbɔnefoɔ nsam, gye me omumuyɛfoɔ ne otirimuɔdenfoɔ nsam.


na mmom Onyankopɔn na ɔbu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.


Na AWURADE bɛdi wɔn asɛm ama wɔn, na wɔn a wɔfom wɔn fa no, ɔbɛfom wɔn kra afa.


Na wɔn gyefoɔ no yɛ otumfoɔ, ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn atia wo.


Mɛsoa AWURADE abufuhyeɛ no, ɛfiri sɛ mayɛ no bɔne, de akɔsi sɛ ɔbɛham me ham ama me, na wabu atɛn ama me; ɔbɛyi me afiri aba hann mu; mɛhwɛ ne tenenee no.


Ɛfiri sɛ me deɛ menhunu biribiara wɔ me ho, nanso ɛnyɛ yei ho na medi bem; na deɛ ɔbu me atɛn ne Awurade.


Ɔno na wɔyaa no, na wanya bie, ɔhunuu amane, nanso wanhunahuna, na mmom ɔde n’asɛm hyɛɛ deɛ ɔbu atɛntenenee no nsa.


Na AWURADE nyɛ ɔtemmufoɔ, na ɔmmu me ne wo ntam atɛn, na ɔnhunu na ɔnni m’asɛm mma me, na ɔmmu me atɛn nyi me wo nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan