Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 42:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Me kra, adɛn, na woabotow? Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ, na wusi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 42:5
28 Iomraidhean Croise  

Sɛ ɔreku me mpo a, mehwɛ ɔno ara; mede me nsɛm bɛto n’anim.


Meyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛ m’adamfo ne me nua, mesii me tiri ase twann sɛ obi a ɔregyam ne na.


Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nha wo ho, deɛ ne kwan asi no yie no nti, onipa a ɔdi ne bo soɔ no nti.


Mapompono na mapua koraa, da mu nyinaa mede awerɛhoɔ menam foofoo.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, ɛfiri sɛ wopɛ wɔn.


Nyankopɔn so na mede me ho matoɔ, merensuro, nnipa bɛtumi ayɛ me dɛn?


Ɛda a mesuro no, mede me ho metwere wo.


Mefiri asase ano mesu mefrɛ wo m’akoma ahometeɛ mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sene me so.


Na me deɛ, mɛtwɛn ara daa, na mede bi maka w’ayeyie nyinaa ho.


Mekae Onyankopɔn a, mesi apini, medwene a, me honhom tɔ piti.


Mobɛto dwom sɛ afahyɛ kronkron anadwo no, na mo bo bɛtɔ mo yam sɛ wɔn a wɔnam atɛntɛbɛn ano rekɔ AWURADE bepɔ soɔ, Israel botan no nkyɛn.


Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE, na ɔtie n’akoa asɛm? Deɛ ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, ma no mfa ne ho nto AWURADE din so, na ɔntwere ne Nyankopɔn.


AWURADE mma n’ani so nhwɛ wo, na ɔmma wo asomdwoeɛ.


Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.)


Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de rekɔ owuo mu; montena ha na mo ne me nwɛn.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na Dawid ho kyeree no papaapa, ɛfiri sɛ ɛdɔm no kaa sɛ wɔbɛsi no aboɔ, na ɛdɔm no nyinaa kra botoeɛ, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE Nyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan