Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 41:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Nhyira ne deɛ ɔdwene mmɔborɔni ho, AWURADE bɛgye no, da bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Nhyira ne deɛ ɔdwene mmɔborɔni ho, AWURADE bɛgye no, da bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no; Awurade gye no wɔ amanehunu bere mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no. Awurade gye no wɔ amanehunu berɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Nhyira ne nea odwen ɔbrɛfo ho, AWURADE begye no, da bɔne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 41:1
27 Iomraidhean Croise  

Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.


Ɔteneneeni amaneɛ dɔɔso, na AWURADE gye no ne nyinaa mu.


Wɔn ani renwu berɛ bɔne mu, na wɔbɛmee, ɛkɔm nna mu.


Ɔhunu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm, na n’asefoɔ nso yɛ nhyira.


Deɛ ɔbu ne yɔnko animtia yɛ bɔne, na nhyira ne deɛ ɔhunu amanehunufoɔ mmɔbɔ.


Ɔhene anibereɛ yɛ owuo abɔfoɔ, na ɔba nyansafoɔ pata no.


Deɛ ɔhunu mmɔborɔni mmɔborɔ de fɛm AWURADE, na deɛ ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.


Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu;


Nanso ɛda no, mɛyi wo, AWURADE asɛm nie, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wosuro wɔn no nsa.


Na mowɔ ahiafoɔ mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, motumi yɛ wɔn yie; na me deɛ monni me daa.


Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.


gye ahiafoɔ nko ara na wɔsrɛɛ sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ.


Afei yɛtu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekyere wɔn a wɔn akoma atuo werɛ, monsɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛ mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.


Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene, a ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔɔ no ne din mu, sɛ mosomm ahotefoɔ na moda so som wɔn.


Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.


Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu.


Ɛnna n’ase ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wokɔdii mpɛpɛ nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma yi? Nhyira nka deɛ n’ani kuu wo ho no. Na ɔkyerɛɛ n’ase onii ko a ɔkɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma no sɛ: Ɔbarima a mekɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma nnɛ no din de Boas.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan