Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 40:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woasiesie aso de ama me, wommisa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woasiesie aso de ama me, wommisa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde, nanso woabue mʼaso; woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woabue mʼaso ama mahunu; woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde, woasiesie aso de ama me, wummisa ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 40:6
19 Iomraidhean Croise  

emu na ɔbue nnipa aso, na ɔsɔ wɔn atenetene ano,


deɛ ɔyɛ ade kɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu, anwanwadeɛ nso a wɔntumi nkan.


Na me deɛ, Onyankopɔn, sɛdeɛ w’adwene boɔ si yɛ me den! Sɛdeɛ ɛsi dɔɔso!


Sɛ merekan a, ɛdɔɔso sene anwea, menyane a, meda so mewɔ wo ho ara.


Ɛnyɛ wo kum afɔdeɛ nti na mɛka w’anim, na wo hyeɛ afɔdeɛ wɔ m’anim daa.


Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyeɛ afɔdeɛ nsɔ w’ani.


M’ano bɛka wo tenenee, ɛbɛka wo nkwagyeɛ da mu nyinaa a mennim ano.


ɛnneɛ ne wura no mfa no mmra Nyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɛpono ho anaa aponnwa ho, na ne wura no mfa fitiiɛ mfiti n’aso mu, na ɔnsom no daa.


Mo afɔdeɛ dodoɔ yɛ me deɛn? AWURADE na ɔseɛ. Adwennini hyeɛ afɔdeɛ ne nyɛmmoa sradeɛ afono me; na anantwie anaa nnwammaa anaa mpapo mogya, nsɔ m’ani.


AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so na makamfo wo din sɛ woayɛ anwanwadeɛ; tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ.


Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;


Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso, merenhwɛ.


Na sɛ anka mote yei aseɛ, sɛ: Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ.


Na monkɔ nkɔsua yei ase: Mepɛ mmɔborɔhunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.


Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan