Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 40:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Nhyira ne onipa a ɔde n’ani ato AWURADE soɔ, na ɔnnane n’ani nkyerɛ ahantanfoɔ ne wɔn a wɔmane di atorɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Nhyira ne onipa a ɔde n’ani ato AWURADE soɔ, na ɔnnane n’ani nkyerɛ ahantanfoɔ ne wɔn a wɔmane di atorɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotoso, nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so, ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ, deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so, ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Nhyira ne nnipa a wɔde wɔn ani ato AWURADE so, na wɔnnan wɔn ho nkɔ ahantanfo nkyɛn ne wɔn a wɔman di anyame huhu akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 40:4
16 Iomraidhean Croise  

Woateatea ahantanfoɔ a wɔadome wɔn a wɔfom firi wo mmara nsɛm ho no.


Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ, AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ. Asomdwoeɛ mmra Israel so.


Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia, na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.


Momfa nidie mapa mma no, na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuo adɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.


Monto dwom foforɔ mma no, mommɔ sankuo yie nka ɛnne ho!


Monka nhwɛ na monhunu sɛ AWURADE yɛ, nhyira ne onipa a ɔdwane kɔtoa no.


Wo na mefiri yafunum mede m’akyiri metweree woɔ, woyii me firii me na yam, wo na mɛyi wo ayɛ daa.


Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no, wɔpo wɔn ara wɔn ADOM.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan