Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 40:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Mankora wo tenenee m’akomam, maka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ, mansi w’adɔeɛ ne wo nokorɛ so asafo kɛseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Mankora wo tenenee m’akomam, maka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ, mansi w’adɔeɛ ne wo nokorɛ so asafo kɛseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu; meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm. Mankata wʼadɔe ne wo nokware so wɔ guabɔ kɛse no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Meremfa wo tenenee ho asɛm nsie mʼakoma mu; meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm. Mankata wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ so wɔ dwabɔ kɛseɛ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Mankora wo trenee so me komam, maka wo nokware ne wo nkwagye, mansiw w’adɔe ne wo nokware so, asafo kɛse mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 40:10
25 Iomraidhean Croise  

Ahobrɛasefoɔ bɛdidi na wɔamee, wɔn a wɔpɛ AWURADE akyiri kwan bɛyi no ayɛ. Mo akoma nnya nkwa daa.


AWURADE atempɔn nyinaa yɛ adɔeɛ ne nokorɛ ma wɔn a wɔdi n’apam ne n’adansesɛm soɔ.


Ohiani yi teaa mu, na AWURADE tiee no, na ɔgyee no n’ahohia nyinaa mu.


Na me deɛ, mɛka ɛho asɛm daa, mɛto Yakob Nyankopɔn ayeyie dwom,


Mɛto AWURADE adɔeɛ ho dwom daa, mede m’ano bɛka wo nokorɛdie makyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ;


ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Na wɔtie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.


Fa nokorɛ kyerɛ Yakob, yi adɔeɛ kyerɛ Abraham, sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi tete nteredee nna mu no.


Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.


Na wɔnnim Nyankopɔn tenenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ara tenenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Nyankopɔn tenenee ase.


na wɔahunu me ne mu sɛ menni me ara me tenenee a ɛfiri mmara mu, na mmom deɛ ɛnam Kristo ho gyidie so ba, tenenee a ɛfiri Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidie so.


Ɛfiri sɛ, ɛfiri mo mu na Awurade asɛm no hyetaeɛ, ɛnyɛ Makedonia ne Akaia nko, na mmom mo gyeɛ a mogye Onyankopɔn die no atrɛ aduru mmaa nyinaa, enti ɛmma no nhia yɛn sɛ yɛka ho asɛm biara.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan