Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 4:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Mo mmarima mma, m’animuonyam bɛdane ahohora akɔsi da bɛn? Mobɛdɔ ade hunu, mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Mo mmarima mma, m’animuonyam bɛdane ahohora akɔsi da bɛn? Mobɛdɔ ade hunu, mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora? Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora? Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Mo mmarima mma, m’anuonyam bɛdan ahohora akosi da bɛn? Mobɛdɔ ade hunu, mubedi atoro akyi akosi da bɛn? Sela

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 4:2
29 Iomraidhean Croise  

Na wɔsakyeraa wɔn animuonyam yɛɛ no nantwie a ɔwe wira nsɛso.


Mobɛhwete mmɔborɔni atirimpɔ mu ara, nanso AWURADE ne ne dwanekɔbea.


Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susu ade hunu yi?


Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm, m’animuonyam ne me werɛkyekyefoɔ.


Metane wɔn a wɔdi atorɔ ahuhudeɛ akyire, na me deɛ, mebata AWURADE ho.


Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma a wɔn se yɛ mpea ne agyan, na wɔn tɛkyerɛma yɛ nkrantɛ nnamnnam.


Mo atumfoɔ, ampa ara, moka asɛntenenee anaa? O, nnipa mma, mobu atɛntenenee anaa?


Abɔnefoɔ bɔ ko firi ɔyafunum, wɔfiri wɔn na yam fom kwan di atorɔ.


Na ɔhene deɛ, n’ani bɛgye Nyankopɔn ho, obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehyɛ ne ho, na wɔbɛmua wɔn a wɔdi atorɔ ano.


Ma no mfa tenenee nni wo man so, na ɔmfa atemmuo nhwɛ w’amanehunufoɔ.


Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Wobɛma wo ho so wɔ m’anim akɔsi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me.


Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akɔsie? Na afɛdifoɔ bɛpɛ wɔn afɛdie, na nkwaseafoɔ akyiri nimdeɛ?


Sɛ nneyɛɛ bɔne ho afobusɛm mma mu ntɛmntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔ ayɛ wɔn akoma ma.


Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ adasamma akomam ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn.


Na wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da soɔ ne Misraim a ɛyɛ wɔn animuonyam no ho,


AWURADE de daa daa nkwagyeɛ gye Israel; mo ani renwu, na mo anim rengu ase bio da biara da.


Obiara nsaman asɛntenenee so, na obiara nsaman wɔ nokorɛ asɛm ho. Wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuo; wɔnyinsɛn bɔne, na wɔwo mmusuo.


Ɔman bi asakyera n’anyame, anyame a wɔnyɛ anyame? Nanso me man de n’animuonyam asesa deɛ ɛho nni mfasoɔ.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Bɔne bɛn na mo agyanom hunuu no me ho a enti wɔfirii me ho kɔɔ akyirikyiri na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi na wɔadanedane hunu yi?


Na wɔkuntunu wɔn tɛkyerɛma de yɛ wɔn tadua atorɔ na ɛnyɛ nokorɛ na atim wɔ asase no so, na wɔfiri bɔne mu kɔ bɔne mu, na me deɛ, wɔnnim me, AWURADE asɛm nie.


Wɔrekɔ so dɔre no, na wɔrekɔ so yɛ me bɔne; wɔn animuonyam no, mɛdane no ahohora.


Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no, wɔpo wɔn ara wɔn ADOM.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Na ɛnkɔsi da bɛn na wɔrennye me nnie, nsɛnkyerɛnneɛ a mayɛ no wɔn mu no nyinaa akyi?


Na Yudafoɔ no nso foaa no so sɛ nsɛm yi te saa.


Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho Awurade mu.


Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.


Na mommmane nnkɔdi ade hunu a mfasoɔ ne ɛgyeɛ nni ho no akyi, na ɛyɛ ade hunu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan