Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 34:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me, na wagye me afiri deɛ mesuro nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me, na wagye me afiri deɛ mesuro nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mefrɛɛ Awurade na ogyee me so; na ogyee me wɔ nea misuro nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mefrɛɛ Awurade na ɔgyee me so; na ɔyii me firii mʼakomatuo nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 34:4
20 Iomraidhean Croise  

na ɔfiri adi kɔhyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa, montie me. AWURADE ne mo te, sɛdeɛ mo ne no teɛ yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔbɛgya mo.


M’ahohia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn, na meteaa mu mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefie, na me su a mesu mekyerɛɛ no no kɔduruu n’aso mu.


Na wansere na wankyiri ɔmanehunufoɔ amaneɛ, na wanyi n’anim anhunta no, na mmom ɔsu frɛɛ no no, ɔtiee.


Nso me deɛ, mekaa no m’ahoyera mu sɛ: Wɔatwa me afiri w’ani so. Nanso mesu mefrɛɛ woɔ no, wotee me nkotosrɛ.


Wɔn a me tenenee sɔ wɔn ani no, ma wɔnni ahurisie na wɔn ani nnye; ma wɔnka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ, sɛ n’akoa yiedie sɔ n’ani.


Na me deɛ, meyɛ mmɔbɔ na meyɛ ohiani deɛ, nanso AWURADE dwene me ho. Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase!


Enti sɛ asase ani dane butu, na mmepɔ tutu gu po bunu mu,


Ɛda a mesuro no, mede me ho metwere wo.


Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.


Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, na ɔtiee me; mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu, na woate me nne.


Mommisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommom, na wɔbɛhini mo.


Nso mese mo sɛ: Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mommom, na wɔbɛhini mo.


ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemuteɛ deɛ.


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan