Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 32:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Yei nti teeni biara mmɔ wo mpaeɛ da a ɔbɛhu woɔ no. Ampa ara, sɛ asu kɛseɛ yiri a, ɛremfa ɔyaa korɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Yei nti teeni biara mmɔ wo mpaeɛ da a ɔbɛhu woɔ no. Ampa ara, sɛ asu kɛseɛ yiri a, ɛremfa ɔyaa korɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpae bere a wohu wo; ampa ara sɛ asu akɛse yiri a, ɛrenka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ ɛberɛ a wɔhunu woɔ; ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a, ɛrenka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Eyi nti teeni biara mmɔ wo mpae da a obehu wo. Ampa ara, sɛ asu kɛse yiri a, ɛremfa onii ko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 32:6
24 Iomraidhean Croise  

Tene wo nsa firi soro nohoa, hwam me, na yi me firi nsuo akɛseɛ mu, firi ananafoɔ mma nsam.


Na monhunu sɛ AWURADE ayi ne dɔfo asi hɔ; mesu mefrɛ AWURADE a, ɔbɛtie.


Na ɔde dwom foforɔ ahyɛ m’anomu, yɛn Nyankopɔn ayeyie. Nnipa bebree bɛhunu asuro, na wɔabata AWURADE ho.


Ebunu frɛ ebunu, wo nsuo a ɛworo guo no gyegyeegye no mu, w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa abu afa me so.


Apem totɔ wo nkyɛn na ɔpedu totɔ wo nifa a, wo deɛ, ɛrenka wo.


ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so, wɔbɛhwehwɛ me nhema, na wɔrenhu me.


Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Anisɔ berɛ mu na matie woɔ, na nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ, na mɛkora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam, sɛ: Ma asase no so si hɔ, na ma wɔmfa agyapadeɛ a ayɛ afo no nni so bio;


Monhwehwɛ AWURADE, berɛ a ɔma wɔhu no no, momfrɛ no berɛ a ɔbɛn no.


Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na deɛ mewɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ.


a, ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekyerɛ a Onyankopɔn de kyekyere yɛn werɛ no so, akyekyere wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ.


Na ɔka sɛ: Ɛberɛ a ɛsɛ mu na matie woɔ, nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ! Hwɛ, ɛnnɛ ne adom berɛ; hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.


Nanso yei nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a medi kan mu na Yesu Kristo bɛyi abodwokyɛre nyinaa adi de ayɛ wɔn a wɔrebɛgye no adie akɔ daa nkwa mu no nhwɛsoɔ.


Na ɛyɛne yɛn, sɛ, sɛ yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemuteɛ ne tenenee ne onyamesom pa ntena wiase berɛ yi mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan