Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 30:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛdeɛn mfasoɔ na ɛwɔ me so wɔ m’Amena mu korɔ mu? Mfuturo bɛda wo ase anaa? Ɛbɛka wo nokorɛ akyerɛ anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɛdeɛn mfasoɔ na ɛwɔ me so wɔ m’Amena mu korɔ mu? Mfuturo bɛda wo ase anaa? Ɛbɛka wo nokorɛ akyerɛ anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Mfaso bɛn na ɛwɔ me sɛe so, sɛ mɛkɔ amoa mu? Mfutuma beyi wo ayɛ ana? Ɛbɛpae mu aka wo nokwaredi ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me sɛeɛ ho, sɛ mɛkɔ amena mu? Mfuturo bɛyi wo ayɛ anaa? Ɛbɛpae mu aka wo nokorɛdie anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Dɛn mfaso na ɛwɔ me so wɔ m’Amoa mu kɔ mu? Mfutuma bɛda wo ase anaa? Ɛbɛka wo nokware akyerɛ anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 30:9
7 Iomraidhean Croise  

Merenwu, na mmom mɛnya nkwa, na maka AWURADE nneyɛɛ makyerɛ.


Na wo ho nkaeɛ nni owuo mu. Hwan na ɔbɛyi wo ayɛ Asamandoɔ?


Mede m’ano mesu mefrɛɛ no, na mede me tɛkyerɛma meyii no ayɛ.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Na Asamando rentumi nna wo ase, na owuo rentumi nkamfo wo. Wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ntwɛn wo nokorɛ;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan