Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 30:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Mɛma wo so, AWURADE, ɛfiri sɛ woayi me, na woamma m’atamfoɔ ani annye, me nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Mɛma wo so, AWURADE, ɛfiri sɛ woayi me, na woamma m’atamfoɔ ani annye, me nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mɛma wo so, Awurade, efisɛ, woayi me afi bun mu na woamma mʼatamfo anserew me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mema wo so, Ao Awurade, ɛfiri sɛ, woayi me afiri ebunu mu na woamma mʼatamfoɔ ansere me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Mɛma wo so, AWURADE, efisɛ woayi me, na woamma m’atamfo ani annye, me nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 30:1
24 Iomraidhean Croise  

Na Dawid baa ne fie wɔ Yerusalem. Na Dawid faa mmaa du, ne mpenafoɔ a ɔgyaa wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no de wɔn kɔguu mmaa mu, na ɔbɔɔ wɔn akɔnhoma, na wɔn ho deɛ, wankɔ. Na wɔtoo wɔn mu kɔsii wɔn wu da maa wɔdii wɔn nkwa berɛ te sɛ deɛ wɔyɛ kuna.


Na Dawid sii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na AWURADE gyee mpata no maa asase no, na wɔsii ɔhaw no kwan firii Israel so.


Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔde ntweneduro nnua ne nnuasenfoɔ ne abantofoɔ baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree efie maa Dawid.


Ɛnna Dawid sane bɛhyiraa ne fiefoɔ. Na Saulo ba Mikal firii adi bɛhyiaa Dawid, na ɔkaa sɛ: Animuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ wɔ n’asomfoɔ mfenaa anim, sɛ ahuhufoɔ no bi pa ne ho a n’ani mmu ne dwɛ!


ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu.


Na Salomo de anantwie mpem aduonu mmienu ne nnwan mpem ha aduonu bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na saa na ɔhene ne Israelfoɔ nyinaa dwiraa AWURADE fie.


Na Lewi ne Benyamin deɛ, Yoab ankan wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no yɛɛ no ahi.


na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mehinhim a, m’ahohiahiafoɔ anni ahurisie.


AWURADE, mma ɔbɔnefoɔ deɛ ɔpɛ, mma n’agyina no nnkɔ so, na wɔamma wɔn ho so.


Mɛma wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mɛhyira wo din daa daa.


Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho matoɔ, mma m’ani nnwu, mma m’atamfoɔ ho nnsɛpɛ wɔn, me nti.


Na afei ɔbɛma me tiri so, m’atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so, na mabɔ ne ntomadan mu ayeyie afɔdeɛ, na mato AWURADE sankuo dwom.


Boa wo man, na hyira w’apɛgyadeɛ, na yɛne wɔn, na ma wɔn so daa.


Mma m’atamfoɔ atorofoɔ no ani nnnye me ho, mma wɔn a wɔtane me kwa no mmmu me anikyeɛ!


Yei ho na mɛhunu sɛ wopɛ me: Sɛ m’atamfoɔ renni me so ahurisie.


Mede m’ano mesu mefrɛɛ no, na mede me tɛkyerɛma meyii no ayɛ.


Adɛn nti na amanaman nka sɛ: Wɔn Nyankopɔn wɔ he? Ma wɔnhunu amanaman mu, yɛn anim, sɛ wotɔ wo nkoa mogya a wɔka guiɛ no so were.


Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛdie ne ahiyie ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.


Wɔn a wɔtwam kwan soɔ nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so. Wɔbɔ hwerɛma woso wɔn tiri gu Yerusalem babaa so ka sɛ: Kuro a wɔfrɛ no: Ahoɔfɛ a ɛwie pɛ yɛ, asase nyinaa ahosan no, nie?


Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.


Na ahwɛfoɔ no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforɔ na ɔmmuee ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi ankɔbue ɛdan no ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan