Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 3:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Meteɛ mu su frɛ Awurade, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Meteam su frɛ Awurade, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Mede me nne misu mefrɛ AWURADE, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron so. Sela

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 3:4
29 Iomraidhean Croise  

Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Me dwanekɔbea ne me kyɛm ne wo, m’ani da w’asɛm so.


Da a mesu mefrɛeɛ no, wogyee me so, wohyɛɛ me den maa me kra nyaa ahoɔden.


Mesu mefrɛ AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ, na wɔagye me m’atamfoɔ nsam.


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


Na afei ɔbɛma me tiri so, m’atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so, na mabɔ ne ntomadan mu ayeyie afɔdeɛ, na mato AWURADE sankuo dwom.


AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede m’akoma mato ne so, na waboa me, enti m’akoma ho asane no, na mede me dwom meda no ase.


Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me, na wagye me afiri deɛ mesuro nyinaa mu.


Ohiani yi teaa mu, na AWURADE tiee no, na ɔgyee no n’ahohia nyinaa mu.


Ma wo hann ne wo nokorɛ mmɛgya me, na ɛmfa me nkɔ wo bepɔ kronkron so ne wo tenabea.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa. Monyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔhyɛbea.


Asafo AWURADE, nhyira ne onipa a ɔde ne ho to wo soɔ.


Da bi wokasaa anisoadehunu mu kyerɛɛ w’ahotefoɔ sɛ: Madi maboa ɔbarima bi, mama obi a wɔayi no firi ɔman no mu so.


Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.


Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkoto nsɔre wɔ ne bepɔ kronkron so, na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.


Ɔkora nyansa mapa ma teefoɔ, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,


Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie.


Wotee me nne; nsi w’aso wɔ m’ahomeguo ne me sufrɛ ho.


Mommisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommom, na wɔbɛhini mo.


Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan