Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 28:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ ne wɔn abrabɔ bɔne teɛ, susu wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn, tua wɔn deɛ wɔayɛ so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ ne wɔn abrabɔ bɔne teɛ, susu wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn, tua wɔn deɛ wɔayɛ so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so; wɔn adwuma bɔne no so; tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so ka na fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so; wɔn adwuma bɔne no so; tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so ka na fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Yɛ wɔn sɛ wɔn nneyɛe ne wɔn abrabɔ bɔne te, susuw wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn, tua wɔn nea wɔayɛ so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 28:4
19 Iomraidhean Croise  

Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.


Na deɛ yɛn nneyɛɛ bɔne ne yɛn asodie kɛseɛ nti ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa akyiri yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woadi yɛn ho adɔna, woamma no annuru yɛn amumuyɛ so, na woama yɛafiri mu sɛdeɛ ɛteɛ yi,


Ɔnsusu yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomsoɔ nhyɛ yɛn ananmu.


Wobɛsɛe wɔn aba afiri asase so, ne wɔn asefoɔ afiri nnipa mma mu.


Onyankopɔn, bu wɔn fɔ, ma wɔmpɔn mfiri wɔn agyinatuo ho. Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu, na wɔasɔre atia wo.


na wo, AWURADE, na adom wɔ woɔ. Na wobɛtua onipa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


AWURADE, hyɛ wɔn ananmu, sɛdeɛ wɔn nsa ano nneyɛɛ teɛ.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre w’akomam na woadwene adwemmɔne,


Enti hwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ! Ɔne wɔn a wɔahwehwe aseɛ no dii no dendeenden so, na wo deɛ, Onyankopɔn kyerɛɛ n’yamyɛ no wɔ wo so, nanso gye sɛ wotena saa ayamyɛ no mu ara; anyɛ saa a, wɔbɛtwa wo nso atwene.


Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.


Montua no ka, sɛdeɛ ɔtuaa mo ka, na momfa mmɔ ho mmienu mma no, sɛdeɛ ne nnwuma teɛ. Kuruwa a ɔfraeɛ no, momfra mmu mmɔ ho mmienu mma no.


Hwɛ, mereba ntɛm, na mekura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan