Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 28:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE, wo na mesu mefrɛ woɔ, me botan, mmua w’ano wɔ me ho; anyɛ saa na womua w’ano wɔ me ho a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 AWURADE, wo na mesu mefrɛ woɔ, me botan, mmua w’ano wɔ me ho; anyɛ saa na womua w’ano wɔ me ho a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Wo na misu frɛ wo, Awurade me Botan; nsiw wʼaso wɔ me ho. Sɛ woyɛ komm a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Wo na mesu mefrɛ wo, Ao Awurade me Botan; nsi wʼaso wɔ me enti. Sɛ woyɛ komm a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE, wo na misu mefrɛ wo, me botan, mmua w’ano wɔ me ho; anyɛ saa na wumua w’ano wɔ me ho a, mɛyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ Amoa mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 28:1
21 Iomraidhean Croise  

Wagye me kra na ankɔ ɔsɛeɛ Amena mu, na me nkwa rehunu hann no.


Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, mede me nne mekoto mesrɛ AWURADE,


mehwie m’abooboo megu n’anim, meka m’ahohia mekyerɛ no.


O AWURADE, yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhunta me, na manyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu.


AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.


Me Nyankopɔn, meteam mefrɛ wo awia, na wommua me, ne anadwo, nso mennya ɔhome.


Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron so.


Monto AWURADE dwom, mo a moyɛ n’ahotefoɔ, na monyi ne din kronkron no ayɛ.


Ɛdeɛn mfasoɔ na ɛwɔ me so wɔ m’Amena mu korɔ mu? Mfuturo bɛda wo ase anaa? Ɛbɛka wo nokorɛ akyerɛ anaa?


AWURADE, woahunu, mmua w’ano, AWURADE, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri!


AWURADE, tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nisuo ho, na meyɛ wo hɔhoɔ, meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa.


Mɛbisa me Nyankopɔn ne me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afiri me? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?


Tie me nteamu, me hene ne me Nyankopɔn, na wo na mɛbɔ wo mpaeɛ.


Mma asuo a ayire no mmfa me, na mma ebunu mmmene me, na mma amena nnka me nnhyɛ mu mmmua n’ano.


Mɛma me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na masu mafrɛ no; mɛma me nne so makyerɛ Onyankopɔn, na ɔbɛyɛ aso ama me.


Onyankopɔn, nyɛ komm, mmua w’ano, na nhome, Onyankopɔn.


ma yɛmmemene wɔn anikan sɛ Asamando, ne amudifoɔ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu;


Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa, ɛfiri sɛ AWURADE Nyankopɔn ne daa botan.


Na Asamando rentumi nna wo ase, na owuo rentumi nkamfo wo. Wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ntwɛn wo nokorɛ;


na ɔtoo no twenee ebunu no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano na wankɔdaadaa amanaman bio kɔsi sɛ mfirinhyia apem no bɛwie duro ansa; nanso ɛno akyiri no, ɛtwa sɛ wɔgyaa no kakra.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan