Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 27:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Nyi w’anim nhunta me, mfa abufuo mpamo w’akoa. Me boafoɔ ne wo, nto me ntwene, na nnya me, me nkwagyeɛ Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Nyi w’anim nhunta me, mfa abufuo mpamo w’akoa. Me boafoɔ ne wo, nto me ntwene, na nnya me, me nkwagyeɛ Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mfa wʼanim nhintaw me, mfa abufuw mpam wo somfo me boafo ne wo. Mpo me, na nnyaw me, mʼAgyenkwa Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mfa wʼanim nhinta me, mfa abufuo mpamo wo ɔsomfoɔ me ɔboafoɔ ne wo. Mpo me na nnya me, Ao me Nkwagyeɛ Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Nyi w’ani nhintaw me, mfa abufuw mpam w’akoa. Me boafo ne wo, ntow me nkyene, na nnyaw me, me nkwagye Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 27:9
23 Iomraidhean Croise  

Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Nyi w’anim nhunta me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.


Na me nna hi sɛ wisie, na me nnompe adɔ sɛ mmukyia.


Mayɛ atemmuo ne tenenee, nnya me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ.


Ao, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me daa? Wode w’ani bɛhunta me akɔsi da bɛn?


O AWURADE, yɛ ntɛm gye me so, me honhom tɔ piti, nyi w’ani nhunta me, na manyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu.


Ɔno na ɔbɛnya AWURADE nsam nhyira na ne nkwagyeɛ Nyankopɔn bɛbu no bem.


Adɛn nti na woyi w’ani hunta, na wo werɛ firi yɛn amaneɛ ne yɛn so hyɛ no?


Nto me mfiri w’anim ntwene, na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so.


Na nyi w’ani nhunta w’akoa, na me ho dwane me, gye me so ntɛm.


Twe bɛn me kra, na bɛgye no, m’atamfoɔ nti gye me.


AWURADE, me nkwagyeɛ Nyankopɔn, mesu mefrɛ, w’anim, awia ne anadwo,


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.


na mmom mo amumuyɛ ne deɛ ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam ateteɛ, na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho a enti ɔntie.


Na me ne wɔn bɛpam daa apam, na merensane mfiri wɔn akyiri sɛ merenyɛ wɔn yie bio, na mede me suro bɛhyɛ wɔn akoma mu, na wɔamfiri me nkyɛn.


Mommma sikanibereɛ mmma mo abrabɔ mu, na mo ani nsɔ deɛ mowɔ no; ɛfiri sɛ ɔno ara aka sɛ: Merennya wo, nanso merempa wo da.


Ɛnna Samuel faa ɔboɔ baako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Eben-eser kaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan