Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 27:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ, hwan na mensuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hwan anim na me ho mpopoɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ, hwan na mensuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hwan anim na me ho mpopoɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade ne me hann ne me nkwagye; hena na minsuro no? Awurade ne me nkwa ahoɔden, na hena anim na me ho mpopo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ; hwan na mensuro no? Awurade ne me nkwa ahoɔden, na hwan anim na me ho mpopoɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE ne me hann ne me nkwagye, hena na minsuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hena anim na me ho mpopo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 27:1
45 Iomraidhean Croise  

Berɛ a ne kanea hyerɛn m’atifi, na mede ne hann menantee sum mu no!


AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.


Meda wo ase sɛ woagye me soɔ, na woayɛ me nkwagyeɛ.


AWURADE wɔ m’afa, mensuro, ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?


Na wo na woma me kanea derɛ, AWURADE me Nyankopɔn te me sum mu.


Na wo na mede wo meto mehyɛ ɛdɔm soɔ, na mede me Nyankopɔn mehuri metra ɔfasuo.


AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no. Na me nkwagyeɛ Nyankopɔn no, wɔmma no so.


Ma m’anomu nsɛm nyɛ wo fɛ, na m’akomam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, O AWURADE, me botan ne me gyefoɔ.


Na AWURADE na nkwagyeɛ wɔ no; wo man so na ma wo nhyira mmra.


Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn, adɛn nti na woto me twene? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?


Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abankɛseɛ, merenhinhim bebree bi.


Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abankɛseɛ, merenhinhim.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


M’ahoɔden ne me dwontoɔ ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so.


Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.


O, Yakob fie, mommra mma yɛnkɔ, na yɛnkɔnante AWURADE hann mu.


Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko ara na tenenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo afu no nyinaa ani bɛwu.


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


Na AWURADE gyina m’akyiri sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu, ɛno nti m’atifoɔ bɛsuntisunti, na wɔrentumi. Wɔn ani bɛwuwu sɛ, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie, ɛyɛ daa nsopa a werɛ remfire.


Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,


Na ɔsee wɔn sɛ: Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn.


ɛfiri sɛ m’ani ahunu wo nkwagyeɛ


Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi.


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?


na ɔsee me sɛ: M’adom dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛyɛ mu. Enti mede anigyeɛ pii mɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so.


Nsuro wɔn, na kae deɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Misraim nyinaa,


Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu ne no.


metumi ade nyinaa yɛ, deɛ ɔhyɛ me den no mu.


Na ɛma yɛde nnamyɛ ka sɛ: Awurade ne me boafoɔ, merensuro. Onipa bɛtumi ayɛ me deɛn?


Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.


Na anadwo nni hɔ, na kanea anaa owia hann nhia wɔn, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wɔbɛdi ahene daa daa.


Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Nkwagyeɛ no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ ne adwammaa no dea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan